Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 11:5 - Twerɛ Kronkron

5 Na Yebusifoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woremma ha. Nanso Dawid faa Sion aban a ɛne Dawid kuro no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nnipa a wofi Yebus no ka kyerɛɛ Dawid se, “Worentumi mma ha da biara da.” Nanso Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kurow no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Yebusifoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woremma ha. Nanso Dawid faa Sion aban a ɛne Dawid kuro no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nnipa a wɔfiri Yebus no ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Worentumi mma ha da biara da.” Nanso, Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kuro no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na Yebusifo no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woremma ha. Nanso Dawid faa Sion aban a ɛne Dawid kurow no.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 11:5
26 Referencias Cruzadas  

Na mehunui, na hwɛ, Adwammaa no gyina Sion bepɔ so, na mpem ɔha aduanan nnan a wɔatwerɛtwerɛ ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma soɔ no ka ne ho.


Na mmom moaba Sion bepɔ ne Onyankopɔn teasefoɔ kuro, ɔsoro Yerusalem ho, ne abɔfoɔ mpempem nhyiamu,


sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ suntiboɔ ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ; na obiara a ɔbɛgye no adie no anim rengu ase.


Na AWURADE ayi Sion, wapɛ hɔ de ayɛ ne tenabea.


Ɛhɔ na wɔde nkonnwa sisi maa atemmuo, Dawid fie nkonnwa no.


Na Sion ho deɛ, wɔbɛka sɛ: Wɔwoo wɔn nyinaa mmaako mmaako wɔ ne mu, na ɔno na ɔma n’ase tim, ɔsorosoroni no.


AWURADE dɔ Sion apono sene Yakob tenabea nyinaa.


na mmom ɔfaa Yuda abusuakuo, Sion bepɔ a wadɔ no no.


Tenabea a ɛyɛ fɛ, asase nyinaa anika, ɛne Sion bepɔ, atifi fam nkyɛn mu no, ɔhenkɛseɛ kuro no.


Monto ayeyie dwom mma AWURADE a ɔte Sion, monka ne nneyɛɛ nkyerɛ aman mu,


Me AWURADE na masi me hene, me bepɔ kronkron Sion so.


Ɛnna Salomo boaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo no atitire ne Israelfoɔ mu agyanom mmapɔmma no ano bɛhyiaa Yerusalem, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afiri Dawid kuro a ɛne Sion no mu aba.


Na Dawid tenaa aban no mu, saa nti na wɔfrɛ no Dawid kuro.


Ɛno na Salomo hyiahyiaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo mu atitire, Israel mma agyanom mmapɔmma nyinaa baa Ɔhene Salomo nkyɛn wɔ Yerusalem, sɛ wɔrekɔ akɔfa AWURADE apam adaka no afiri Dawid kuro Sion mu aba.


Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE ahyira Obed-edom fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa, Nyankopɔn adaka no nti. Na Dawid kɔ kɔfaa Nyankopɔn adaka no firii Obed-edom fie de baa Dawid kuro mu anigyeɛ mu.


Enti Dawid ampɛ sɛ ɔde AWURADE adaka no ba ne nkyɛn, Dawid kuro no mu, na Dawid de mane kɔɔ Gitini Obed-edom fie.


Na Dawid tenaa aban no mu, na ɔfrɛɛ no Dawid kuro. Na Dawid totoo ɛho afasuo hyiae firi Milo ne emu fam.


W’akoa akum gyata ne sisire nyinaa, na Filistini momonoto yi nyɛ sɛ wɔn mu baako, sɛ watwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa.


Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku Filistini yi na wayi ahohora afiri Israel soɔ no? Na hwan mpo ne Filistini momonoto yi a ɔtwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa yi?


Na ɔbarima no ampene sɛ ɔbɛda hɔ anadwo no; na ɔsɔre kɔe, na ɔkɔduruu Yebus (a ɛne Yerusalem) no ntentensoɔ; na mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn no ne ne mpena no ka no ho.


Na Dawid ne Israel nyinaa sii mu kɔɔ Yerusalem, a na ɛne Yebus no, ɛfiri sɛ ɛhɔ na na Yebusifoɔ a wɔyɛ asase no sofoɔ no teɛ.


Na Dawid kaa sɛ: Obiara a ɔbɛkum Yebusifoɔ kane no, ɔbɛyɛ otitire ne ɔsafohene. Ɛnna Seruia ba Yoab foro kɔɔ kane, na ɔyɛɛ otitire.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios