1 Berɛsosɛm 11:3 - Twerɛ Kronkron3 Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pam AWURADE anim wɔ Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Samuel so kaeɛ no teɛ. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm3 Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofo yɛɛ apam wɔ Awurade anim. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛnea Awurade nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible3 Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pam AWURADE anim wɔ Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Samuel so kaeɛ no teɛ. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm3 Enti, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Awurade anim wɔ Hebron. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛdeɛ Awurade nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON3 Na Israel mpanyin nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pamee AWURADE anim Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛnea AWURADE nam Samuel so kae no. Ver Capítulo |