Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 11:11 - Twerɛ Kronkron

11 Na yeinom ne nnɔmmarima a na Dawid wɔ no dodoɔ: Hakmonini Yasobeam, ɔdi akunini tire, ɔno na ɔde ne pea kumm nnipa ahasa prɛko pɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Dawid dɔmmarima no ho nsɛm ni: Nea odi kan no ne Yasobeam a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ dɔmmarima akatakyi a na wɔwɔ Dawid asraafo mu. Bere bi ɔde ne peaw kunkum atamfo ahaasa wɔ akodi baako mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na yeinom ne nnɔmmarima a na Dawid wɔ no dodoɔ: Hakmonini Yasobeam, ɔdi akunini tire, ɔno na ɔde ne pea kumm nnipa ahasa prɛko pɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Dawid nnɔmmarima no ho nsɛm nie: Deɛ ɔdi ɛkan no ne Yasobeam, a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ nnɔmmarima akatakyie a na wɔwɔ Dawid asraafoɔ mu. Ɛberɛ bi, ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ ahasa wɔ akodie baako mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na eyinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no dodow: Hakmonini Yasobeam, odi akunini no ti, ɔno na ɔde ne peaw kunkum nnipa ahasa prɛko.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 11:11
3 Referencias Cruzadas  

Yeinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no din: Takemoni Yoseb-basebet a ɔdi akunini mmiɛnsa no mu titire. Ɔno na ɔmaa ne pea so nnipa ahanwɔtwe a ɔkunkum wɔn prɛko soɔ.


Ɛnna honhom kaa Amasai, aduasa no mu otitire, na ɔkaa sɛ: Yɛyɛ wo dea, O Dawid; na yɛwɔ w’afa, O Yisai ba! Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka wo, na asomdwoeɛ nka w’aboafoɔ, ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn boa wo. Ɛnna Dawid gyee wɔn; na ɔde wɔn sisii n’asafo so atitire.


Bosome a ɛdi kan mu kuo a ɛdi kan no so na Yasobeam Sabdiel ba die, na ne nkyekyɛmu no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios