Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 11:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na Israel nyinaa boaboaa wɔn ano baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron bɛkaa sɛ: Hwɛ, wo bogya ne yɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Na Israel nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Israel nyinaa boaboaa wɔn ano baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron bɛkaa sɛ: Hwɛ, wo bogya ne yɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Na Israel nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Israel nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa Dawid nkyɛn Hebron bɛkae sɛ: Hwɛ, w’abusuafo ne yɛn.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 11:1
11 Referencias Cruzadas  

Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, woyɛ me dompe ne me honam. Na ɔtenaa ne nkyɛn bɛyɛ bosome.


Na Absalom somasomaa akwansrafoɔ maa wɔkɔɔ Israel mmusuakuo nyinaa mu kodɛɛ sɛ: Mote totorobɛnto nka ara pɛ a, monka sɛ: Absalom adi hene wɔ Hebron.


Na yei akyiri no Dawid bisaa AWURADE sɛ: Memforo nkɔ Yuda nkuro bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kaa sɛ: Ɛhe na memforo nkɔ? Na ɔse: Hebron.


Na nna a Dawid de dii Israel so hene yɛ mfirinhyia aduanan. Ɔdii hene mfeɛ nson wɔ Hebron, na ɔdii hene mfeɛ aduasa mmiɛnsa Yerusalem.


Na wɔforo faa nifa fam, na wɔduruu Hebron deɛ Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron deɛ, wɔkyekyeree no mfeɛ nson ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim.)


Ɛfiri sɛ yɛyɛ ne nipadua ho akwaa.


fa deɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi no no si wo so hene; wo nuanom mu bi na fa no si wo so hene; mfa ɔnanani bi a ɔnyɛ wo nua nsi wo so hene.


Monka ngu Sekemfoɔ nyinaa aso mu sɛ: Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ ma mo, sɛ Yerubaal mmammarima aduɔson no nyinaa bɛdi mo soɔ anaa ɔbaako? Na monkae sɛ mo dompe ne mo nam ne me.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios