1 Berɛsosɛm 10:4 - Twerɛ Kronkron4 Na Saulo ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani sɛ: Twe wo nkrantɛ na fa wɔ me, na momonotofoɔ yi amma ammɛbɔ me adapaa. Na n’akodeɛkurani no ampene, na ɔsuroo pii. Enti Saulo faa ne nkrantɛ na ɔhwee so. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm4 Saulo fi apinisi mu ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Twe wʼafoa, fa wɔ me kum me na Filistifo abosonsomfo yi ammɛto me, angu mʼanim ase.” Nanso na nʼakodekurafo no suro nti, wanyɛ saa. Enti Saulo twee ɔno ara nʼafoa, de kum ne ho. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible4 Na Saulo ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani sɛ: Twe wo nkrantɛ na fa wɔ me, na momonotofoɔ yi amma ammɛbɔ me adapaa. Na n’akodeɛkurani no ampene, na ɔsuroo pii. Enti Saulo faa ne nkrantɛ na ɔhwee so. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm4 Saulo firi apenesie mu ka kyerɛɛ nʼakodeɛkurafoɔ no sɛ, “Twe wʼakofena, na fa wɔ me kum me na Filistifoɔ abosonsomfoɔ yi ammɛto me, angu mʼanim ase.” Nanso, na nʼakodeɛkurafoɔ no suro enti, wanyɛ saa. Enti, Saulo twee ɔno ara nʼakofena, de kumm ne ho. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON4 Na Saul ka kyerɛɛ n’akodekurafo sɛ: Twe wo nkrante na fa wɔ me, na momonotofo yi amma ammɛbɔ me anyampa. Na n’akodekurafo no ampene, na osuroe pii. Enti Saul faa ne nkrante na ɔhwee so. Ver Capítulo |