Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 1:14 - Twerɛ Kronkron

14 Yebusini, Amorini, Girgasini,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Yebusifo, Amorifo, Girgasifo,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Yebusini, Amorini, Girgasini,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 ne Yebusi ne Amori ne Girgasini,

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 1:14
20 Referencias Cruzadas  

Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ,


Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Girgasifoɔ ne Yebusifoɔ.


Na me deɛ, mama wo asase kɛseɛ bi a ɛboro wo nuanom deɛ soɔ a mede me nkrantɛ ne me tadua megyee no Amorifoɔ nsam.


Ɛno nti ɔhene frɛɛ Gibeonfoɔ no. Nso na Gibeonfoɔ no mfiri Israelfoɔ mu, na mmom wɔyɛ Amorifoɔ nkaeɛ no bi, — na Israelfoɔ aka ntam akyerɛ wɔn sɛ wɔrenkum wɔn, nanso Saulo hwehwɛɛ sɛ ɔku wɔn wɔ mmɔden a wɔbɔ maa Israel ne Yudafoɔ no mu.


Na ɔbɔfoɔ no tenee ne nsa Yerusalem so sɛ ɔresɛe no no, AWURADE nuu ne ho mmusuo no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔsɛe ɔman no sɛ: Ayɛ yie, pono wo nsa. Na AWURADE bɔfoɔ no aduru Yebusini Arauna ayuporebea ho.


Ɛsiane sɛ Yudahene Manase ayɛ saa akyiwadeɛ yi, na wayɛ bɔne asene deɛ Amorifoɔ a wɔdii n’anim yɛeɛ nyinaa, na ɔde n’abosonhuhuo ama Yuda nso ayɛ bɔne nti,


Na Kanaan woo n’abakan Sidon, Het,


Hiwini, Arkini, Sinini,


Na wohunuu n’akoma sɛ ɛyɛ nokorɛ wɔ w’anim, na wo ne no pamm sɛ wɔde Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asase bɛma n’asefoɔ. Na woama wo nsɛm no atim, ɛfiri sɛ woyɛ ɔteneneeni.


Na mɛsoma ɔbɔfoɔ adi w’anim, na matu Kanaanfoɔ, Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no.


Di deɛ mehyɛ wo nnɛ yi so. Hwɛ, meretu Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri w’anim.


Nanso mesɛee wɔn anim Amorini a ne kɛseɛ te sɛ ntweneduro kɛseɛ na ne ho yɛ den sɛ adum nnua no, na mesɛee n’aba wɔ soro ne n’ase nhini no.


Na mɛyi mogya nam afiri n’anomu, ne n’atantanneɛ afiri ne se mu, na ɔno nso, wɔbɛgya no ama yɛn Nyankopɔn, na wayɛ sɛ Yuda abusua bi, na Ekron ayɛ sɛ Yebusini.


na sɛe wɔn pasapasa: Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn hyɛɛ woɔ no.


Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo duru asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpamo amanaman pii firi w’anim, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ, aman nson a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sene woɔ,


Na sɛ ɛnyɛ wɔ mo ani so sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnneɛ ɛnnɛ monyi deɛ mobɛsom no mfa, sɛ anyame a mo agyanom someeɛ a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifoɔ a mote wɔn asase soɔ yi anyame oo, na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom AWURADE.


Ɛnna Yosua kaa sɛ: Yei na mode bɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no wɔ mo mu, na pamo na ɔbɛpamo Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ ne Hewifoɔ ne Perisifoɔ ne Girgasifoɔ ne Amorifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri mo anim.


Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Benyaminfoɔ no antu wɔn, na Yebusifoɔ no ne Benyaminfoɔ no atena Yerusalem de bɛduru nnɛ ara.


Wɔduruu Yebus no, na adeɛ resa pa ara. Na abɔfra no ka kyerɛɛ ne wura no sɛ: Ma yɛmmane nkɔ Yebusifoɔ kuro yi mu nkɔda hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios