Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 9:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na Israelfoɔ tui, na wɔkɔtoo wɔn nkuro da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na wɔn nkuro ne Gibeon ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-yearim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Na Israelfoɔ tui, na wɔkɔtoo wɔn nkuro da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na wɔn nkuro ne Gibeon ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-yearim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Enti Israelfo no anna so koraa na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu. Nnansa akyi no woduu wɔn nkurow no so. Saa nkurow no ne Gibeon, Kefira, Beerot ne Kiriat-Yearim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Enti, Israelfoɔ no anna so koraa na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu. Nnansa akyi no wɔduruu wɔn nkuro no so. Saa nkuro no ne Gibeon, Kefira, Beerot ne Kiriat-Yearim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Na Israelfo no tui, na wɔkɔtoo wɔn nkurow da a ɛto so abiɛsa no; na wɔn nkurow ne Gibeon ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-yearim.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 9:17
24 Referencias Cruzadas  

Na Saulo ba no wɔ mmarima baanu a wɔyɛ no asafohene, ɔbaako din de Baana, na deɛ ɔka ho no din de Rekab, wɔyɛ Beerotni Rimon mma a wɔfiri Benyamin mma mu. Na wɔbu Beerotfoɔ nso fra Benyaminfoɔ mu.


ne Gibeonni Ismaia, aduasa no mu dɔmmarima, na ɔdi aduasa no so, ne Yeremia ne Yahasiel ne Yohanan ne Gederani Yosabad,


Yeinom ne Kaleb mma. Efrata abakan Hur mma ne: Sobal, Kiriat-yearim a ɔyɛ n’agya,


Na Sobal a ɔyɛ Kiriat-yearim n’agya wɔ mma, wɔne Haroe ne Menuhotfoɔ wɔ afa.


Na Kiriat-yearim mmusua ne Yitrifoɔ ne Putifoɔ ne Sumatifoɔ ne Misraimfoɔ deɛ no, yeinom mu na Sorafoɔ ne Estaolfoɔ fire.


Na berɛ no na AWURADE tenabea a Mose yɛɛ no ɛserɛ soɔ no ne afɔrebukyia no wɔ sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no mu.


Kiriat-arim, Kefira ne Beerot mma: Ahanson aduanan mmiɛnsa.


Kiriat-yearim, Kefira ne Beerot mmarima: Ahanson aduanan mmiɛnsa.


Na ɔbarima bi nso wɔ hɔ a ɔbɛkaa adiyisɛm AWURADE din mu, Semaia ba Uria a ɔfiri Kiriat-yearim, na ɔhyɛɛ kuro yi ne asase yi ho nkɔm sɛ Yeremia deɛ no ara.


ne sɛ Gibeonfoɔ ne Israel adi asomdwoeɛsɛm na wɔaba wɔn mu no, wɔsuroo papaapa, ɛfiri sɛ Gibeon yɛ kuro kɛseɛ te sɛ ahennie nkuro no bi, na ɛso sene Ai, na emu mmarima nyinaa yɛ nnɔmmarima.


Kiriat-baal (a ɛne Kiriat-yearim), ne Raba: Nkuro mmienu ne ɛho nkuraa.


Na ɛhyeɛ no hima firi bepɔ no mpampam kɔ Neftoa asutire no ho, na ɛfiri hɔ kɔ Efron bepɔ so nkuro ho, na ɛhyeɛ no hima kɔ Baala (a ɛne Kiriat-yearim).


Na ɛhyeɛ no hima na ɛkonton kɔ atɔeɛ fam fa bepɔ a ɛda Bet-horon ntentensoɔ anafoɔ fam no anafoɔ fam, na ano kɔduru Kiriat-baal (a ɛne Kiriat-yearim), Yuda mma kuro bi. Atɔeɛ fam deɛ ne no.


Na anafoɔ fam deɛ firi Kiriat-yearim kurotia, na ɛhyeɛ no firi hɔ kɔ atɔeɛ, na ɛkɔ Neftoa asutire ho.


Na wɔne wɔn yɛɛ apam no akyiri nnansa no, wɔtee sɛ wɔbɛn wɔn na wɔte wɔn mu.


Na Israelfoɔ no anku wɔn, ɛfiri sɛ asafo no mu mmapɔmma akeka wɔn AWURADE Israel Nyankopɔn no ntam. Na asafo no nyinaa nwiinwii tiaa mmapɔmma no.


Na Gibeonfoɔ tee deɛ Yosua yɛɛ Yeriko ne Ai no,


Na wɔse: AWURADE wo Nyankopɔn no din nti na wo nkoa firi akyirikyiri asase bi so aba, ɛfiri sɛ yɛate ne nka ne deɛ ɔyɛɛ no Misraim nyinaa


Na wɔkɔe kɔkyeree nsraban Kiriat-yearim wɔ Yuda. Ɛno nti wɔfrɛ hɔ Mahane-dan de bɛsi nnɛ. Hwɛ, ɛwɔ Kiriat-yearim akyi.


Na wɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Kiriat-yearimfoɔ nkyɛn sɛ: Filistifoɔ de AWURADE adaka no aba, na mommɛfa nkɔ mo nkyɛn.


Na Kiriat-yearimfoɔ ba bɛfaa AWURADE adaka no de foro kɔɔ Abinadab fie, kokoɔ no so, na wɔdwiraa ne ba Eleasa sɛ ɔnhwɛ AWURADE adaka no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios