Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 9:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na mmarima no faa wɔn akwansoduane no bi, na AWURADE anomu asɛm deɛ, wɔammisa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na mmarima no faa wɔn akwansoduane no bi, na AWURADE anomu asɛm deɛ, wɔammisa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Enti Israelfo no hwehwɛɛ wɔn brodo no ho nanso wɔammisa Awurade.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Enti, Israelfoɔ no hwehwɛɛ wɔn burodo no ho nanso wɔammisa Awurade.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na mmarima no faa wɔn akwansoduan no bi, na AWURADE anom asɛm de, wɔammisa.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 9:14
17 Referencias Cruzadas  

Na yei akyiri no Dawid bisaa AWURADE sɛ: Memforo nkɔ Yuda nkuro bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kaa sɛ: Ɛhe na memforo nkɔ? Na ɔse: Hebron.


Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menkɔ Filistifoɔ no so anaa? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ, na mede Filistifoɔ no bɛhyɛ wo nsa ampa.


Ɛnna mepaee mmuadadie wɔ Ahawa asuo no soɔ, sɛ yɛrebrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim ahwehwɛ ne hɔ ɔkwan tenenee ama yɛn ne yɛn mma nkumaa ne yɛn nnoɔma nyinaa,


Na fa Urim ne Tumim no hyɛ atemmuo adaaboɔ no mu, na sɛ Aaron rekɔ AWURADE anim a, ɛnna ne koko so, na Aaron nsoa Israelfoɔ no atemmuo n’akoma so, AWURADE anim daa.


Na ɔnkɔgyina Ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔmmisa urim atemmuo mma no, AWURADE anim; wɔmfa n’asɛm so mfiri adi, na wɔmfa n’asɛm so mmra mu, ɔno ne Israelfoɔ a wɔka ne ho nyinaa, ne asafo mu no nyinaa.


Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora nni mu no, na wɔde bɛma no.


Na nsa nkotokuo yi a yɛhyehyɛɛ no amaama na ɛyɛ foforɔ no, hwɛ, asunsuane, na ɔkwan no ware a ɛware pii nti yɛn ntadeɛ ne yɛn mpaboa yi asusu.


Na Yosua wuo akyiri no, Israelfoɔ bisaa AWURADE sɛ: Yɛn mu hwan na ɔntu kane ne Kanaanfoɔ nkɔko?


Na Israelfoɔ sɔree, na wɔsii mu kɔɔ Betel kɔbisaa Onyankopɔn; na wɔse: Yɛn mu hwan na ɔnkɔ kane ne Benyaminfoɔ no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kane.


na Aaron ba Eleasa ba Pinehas na ɔgyina n’anim nna no mu.) Na wɔkaa sɛ: Memfiri adi bio ne me nua Benyamin mma nkɔko anaasɛ mennyae? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ, na ɔkyena mede no bɛhyɛ mo nsa.


na ɔbisaa AWURADE maa no, na ɔmaa no akwansoduane, na ɔde Filistini Goliat nkrantɛ no maa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios