Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 7:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na Akan buaa Yosua sɛ: Nokorɛ, me na mayɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, bɔne, na sɛɛ ne sɛɛ na meyɛeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

20 Na Akan buaa Yosua sɛ: Nokorɛ, me na mayɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, bɔne, na sɛɛ ne sɛɛ na meyɛeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Akan buae se, “Mayɛ bɔne atia Awurade, Israel Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Akan buaa sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade, Israel Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

20 Na Akan buaa Yosua sɛ: Nokware, me na mayɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, bɔne, na sɛɛ ne sɛɛ na meyɛe.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 7:20
13 Referencias Cruzadas  

Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, yɛdi yɛn nua no ho fɔ, sɛ yɛhunuu n’ahohiahia, na ɔsrɛɛ yɛn mmɔborɔhunu, na yɛantie; enti na saa ɔhaw yi aba yɛn soɔ.


na ɔto dwom kyerɛ nnipa sɛ: Mayɛ bɔne, na makyea deɛ ɛtene no, nanso ɔne me anni no sɛdeɛ ɛfata me.


Mayɛ bɔne a, ɛdeɛn na mayɛ woɔ, nnipa hwɛfoɔ, adɛn na wode me ayɛ w’adeɛ a wo ne no anya na madane adesoa ama me ho yi?


Na meka me mfomsoɔ, me bɔne nti me werɛ aho.


Ɛnna Farao yɛɛ ntɛm soma maa wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron kaa sɛ: Mayɛ AWURADE mo Nyankopɔn ne mo bɔne.


Ɛnna Farao soma maa wɔbɛfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei deɛ, mayɛ bɔne, AWURADE ne ɔteneneeni, na me ne me man ne abɔnefoɔ.


Na Bileam ka kyerɛɛ AWURADE bɔfoɔ no sɛ: Mayɛ bɔne na mennim sɛ wo na wogyina ɔkwan mu rehyia me; na afei, sɛ ɛyɛ bɔne w’ani so deɛ a, mɛsane m’akyi.


Anka wɔbɛtumi atɔn yei agye sika pii, na wɔde ama ahiafoɔ.


Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a bɔne nni mu mama. Ɛnna wɔse: Ɛfa yɛn ho bɛn? Wo ara w’asɛm!


Na Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: Me ba, fa animuonyam ma AWURADE, Israel Nyankopɔn, na di no ni, na ka kyerɛ me ɛ: Ɛdeɛn na woyɛeɛ? Nsi me so.


Mehunuu asadeɛ no mu Sinear ngusoɔ fɛfɛ bi ne dwetɛ nnwetɛbena ahanu ne sika dame baako a ano si nnwetɛbena aduonum, na m’ani beree, na mefae; na hwɛ, ɛhyɛ fam me ntomadan mu, na dwetɛ no wɔ aseɛ.


Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Mayɛ bɔne sɛ mafom wɔ AWURADE anomu asɛm ne wo nsɛm ho, sɛ mesuroo ɔman no na metiee wɔn.


Ɛnna ɔse: Mayɛ bɔne deɛ, nanso afei di me ni me man mpanimfoɔ ne Israel nyinaa anim: Ɛne me nsane nkɔ, na menkɔsɔre AWURADE wo Nyankopɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios