Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 6:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na Yosua kaa ntam saa berɛ no sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre abɛkyekyere Yeriko kuro yi, AWURADE anim: Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ aseɛ, na ɔde ne ba akumaa na ɛbɛsisi ano apono.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Na Yosua kaa ntam saa berɛ no sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre abɛkyekyere Yeriko kuro yi, AWURADE anim: Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ aseɛ, na ɔde ne ba akumaa na ɛbɛsisi ano apono.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Saa bere no, Yosua kaa saa nnome nsɛm yi: “Awurade nnome mmra obiara a ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkyekyere Yeriko kuropɔn no bio. “Ɔde nʼabakan na ebefi ase, na ɔde nʼakumaa na ebesisi ano apon.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Saa ɛberɛ no, Yosua kaa saa nnome nsɛm yi: “Awurade nnome mmra obiara a ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkyekyere Yeriko kuropɔn no bio. “Ɔde nʼabakan na ɛbɛhyɛ aseɛ, na ɔde nʼakumaa na ɛbɛsisi ano apono.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na Yosua kaa ntam saa bere no sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre abɛkyekye Yeriko kurow yi, AWURADE anim: Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ ase, na ɔde ne ba akumaa na ebesisi ano apon.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 6:26
9 Referencias Cruzadas  

Ne berɛ so na Betelni Hiel kyekyeree Yeriko. N’abakan Abiram wui berɛ a ɔtoo fapem, na ne ba kumaa Segub nso wui berɛ a ɔsisii ano apono, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Nun ba Yosua so kaeɛ no teɛ.


Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mprɛ ahe ara na menka wo ntam sɛ, nka me asɛm bi sɛ nokorɛ nko AWURADE din mu?


Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Elisa, tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Yeriko. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔkɔɔ Yeriko.


Sɛ Edom ka sɛ: Wɔapɛkyɛ yɛn, nanso yɛbɛsane akɔ akɔsisi agoago no a, sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔn deɛ, wɔbɛsisi, na me nso, mɛdwiri, na wɔafrɛ wɔn sɛ: Abɔnefosɛm hyeɛ, ne: Ɔman a AWURADE afa wɔn abufuo de rekɔsi daa.


Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefoɔ no sɛ, sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn!


Ɛnna Yudafoɔ bi a wɔnam kyini tutu ahonhommɔne no mu binom sii wɔn bo sɛ wɔbɛbɔ Awurade Yesu din wɔ wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne so sɛ: Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no gu mo so.


na ɛfiri Yanoa siane kɔ Atarot ne Naarat, na ɛka Yeriko, na ɛkɔpem Yordan ano.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios