Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 6:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na odwamamfoɔ Rahab ne n’agya fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa deɛ, Yosua gyee wɔn nkwa, na ɔtenaa Israel mu de bɛsi nnɛ, ɛfiri sɛ ɔde abɔfoɔ a Yosua soma maa wɔkɔsraa Yeriko no huntae.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Na odwamamfoɔ Rahab ne n’agya fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa deɛ, Yosua gyee wɔn nkwa, na ɔtenaa Israel mu de bɛsi nnɛ, ɛfiri sɛ ɔde abɔfoɔ a Yosua soma maa wɔkɔsraa Yeriko no huntae.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Enti, Yosua amfa ne nsa anka oguamanfo Rahab ne nʼabusuafo a na wɔka ne ho wɔ fie no, efisɛ ɔde akwansrafo a Yosua somaa wɔn Yeriko no siei. Enti ɔte Israelfo mu besi nnɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Enti, Yosua amfa ne nsa anka odwamanfoɔ Rahab ne nʼabusuafoɔ a na wɔka ne ho wɔ efie no, ɛfiri sɛ, ɔde akwansrafoɔ a Yosua somaa wɔn Yeriko no sieeɛ. Enti, ɔte Israelfoɔ mu bɛsi ɛnnɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na aguaman Rahab ne n’agya fi ne nea ɔwɔ nyinaa de, Yosua gyee wɔn nkwa, na ɔtenaa Israel mu de besi nnɛ, efisɛ ɔde abɔfo a Yosua soma ma wɔkɔsraa Yeriko no hintawee.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 6:25
11 Referencias Cruzadas  

na Salmon ne Rahab woo Boas, na Boas ne Rut woo Obed, na Obed woo Yisai,


Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no nkwa.


Gyidie nti na odwamamfoɔ Rahab a ɔgyee akwansrafoɔ no asomdwoeɛ soɔ no ansɛe amfra wɔn a wɔannye annie no mu.


Saa ara nso na ɛnyɛ nnwuma mu na wɔfiri buu odwamamfoɔ Rahab bem, sɛ ɔgyee abɔfoɔ no na ɔmaa wɔfaa kwan foforɔ so kɔeɛ no anaa?


Na Nun ba Yosua somaa mmarima asrafoɔ baanu firi Sitim ahuntaeɛ mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wɔsii mu kɔe, na wɔduruu ɔbaa dwamamfoɔ bi a wɔfrɛ no Rahab fie, na wɔdaa hɔ.


Hwɛ, sɛ yɛreba asase yi so a, fa asaawa kɔkɔɔ homa yi kyekyere mpomma a wode yɛn faa mu sii fam no mu. Na boa w’agya ne wo na ne wo nuanom ne w’agya fiefoɔ nyinaa ano wo nkyɛn wɔ efie ha,


Na ɔbaa no faa mmarima baanu no de wɔn huntae; na ɔkaa sɛ: Ɛwom, mmarima no baa me nkyɛn deɛ, nanso mennim deɛ wɔfire;


Na ɔno deɛ, na ɔde wɔn akɔ ɛdan atifi na ɔde wɔn akɔhunta ɛsowa a ɔde aboa ɛdan no atifi no ase.


Na Yosua memaa aboɔ dummienu so sisii Yordan mu, deɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no nan sisiiɛ hɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios