Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 6:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Mo ho yie ara na monhwɛ ahyiradeɛ no ho, na moanhyira so na moamfa ahyiradeɛ no bi, na moamfa Israel nsraban no anyɛ ahyiradeɛ amma amaneɛ amma so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Mo ho yie ara na monhwɛ ahyiradeɛ no ho, na moanhyira so na moamfa ahyiradeɛ no bi, na moamfa Israel nsraban no anyɛ ahyiradeɛ amma amaneɛ amma so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Mommmfa nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no mu biara, sɛ mofa a, mo ankasa na wɔbɛsɛe mo korakora na mode ɔhaw bɛbrɛ Israel nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Mommfa nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no mu biara, sɛ mofa a, mo ankasa na wɔbɛsɛe mo korakora na mode ɔhaw bɛbrɛ Israel nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Mo ho yiye ara na monhwɛ nea AWURADE de ne nsa ato so no ho, na moamfa bi, na moamfa Israel nsra no amfa nea AWURADE de ne nsa ato so no amma amane amma so.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 6:18
20 Referencias Cruzadas  

Na ɛkɔm bi baa Dawid berɛ so mfeɛ mmiɛnsa, afe toa afe so. Na Dawid kɔbɔɔ AWURADE anim mpaeɛ. Na AWURADE buaa sɛ: Mogya ho afobuo aba Saulo ne ne fiefoɔ so sɛ ɔkumm Gibeonfoɔ no.


Nyansa yɛ sene akodeɛ, na ɔdebɔneyɛni baako sɛe papa bebree.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa me na monto me ntwene ɛpo no mu, na ɛpo no bɛdwo ama mo; na menim sɛ me nti na ahum kɛseɛ yi aba mo soɔ yi.


Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Monkyiri bɔne, mommata papa ho!


Enti momfiri wɔn mu, na monte mo ho mfiri wɔn mu, Awurade na ɔseɛ, na monnka deɛ ɛyɛ fi; na me nso magye mo,


Na monnyɛ esum nnwuma a ɛnso aba no bi, na mmom mompa ho ntoma!


Na mma abusudeɛ no bi nnka wo nsam; na AWURADE nnane mfiri n’abufuhyeɛ no ho, na ɔnhu wo mmɔbɔ, na ne yam nhyehye no mma wo, na ɔmma wonnɔɔso sɛdeɛ ɔkaa wo nananom ntam no.


Sɛ ɔbarima bi wɔ wo mu a ne ho nteɛ wɔ ne ho a ɛsene anadwo no nti a, ɛnneɛ ɔmfiri nkɔ nsraban no akyi, ɔmmma nsraban no mu.


Na mfa akyiwadeɛ nkɔ wo fie, na woanyɛ abusudeɛ sɛ ɛno; ma no nyɛ wo tane, na kyi, ɛfiri sɛ ɛyɛ abusudeɛ.


Onyamesom a ɛho teɛ na ɛho nni fi wɔ Agya Nyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nnyanka ne akunafoɔ wɔ wɔn ahohiahia mu, na ɔyi ne ho firi wiase nkekaeɛ mu.


Na Israelfoɔ no too ahyiradeɛ no ho mmara, na Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no faa ahyiradeɛ no bi, na AWURADE bo fuu Israelfoɔ no.


Sɔre te ɔman no ho na ka sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena; na sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Ahyiradeɛ wɔ wo mu, Israel! Worentumi nnyina w’atamfo anim kɔsi sɛ mobɛyi ahyiradeɛ no afiri mo mu.


Na deɛ wɔbɛkye no ahyiradeɛ no ho no, wɔmfa ogya nhye no ne deɛ ɔwɔ nyinaa, sɛ wato AWURADE ntam, na wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu.


Na Yosua kaa sɛ: Adɛn na woaha yɛn saa yi? AWURADE bɛha wo nnɛ da yi. Na Israel nyinaa sii no aboɔ, na wɔde ogya hyee wɔn, na wɔde aboɔ guu wɔn so.


Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfiri ahonisom ho.


Na Saulo ne dɔm no hunuu Agag ne nnwan ne anantwie a wɔyɛ ne wɔn a wɔadodɔre sradeɛ ne nnwammuruwa ne deɛ ɛyɛ no nyinaa mmɔbɔ, na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn; na adeɛ biara a wɔmmuo na ɛnyɛ mma hwee no deɛ, wɔsɛee no pasapasa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios