Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 6:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na asɔfoɔ baason no kurakura osebɔ ntotorobɛnto nson no de di AWURADE adaka no anim, wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no ara, na wɔn a wɔamia no dii wɔn anim, na kyidɔm no dii AWURADE adaka no akyi, wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na asɔfoɔ baason no kurakura osebɔ ntotorobɛnto nson no de di AWURADE adaka no anim, wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no ara, na wɔn a wɔamia no dii wɔn anim, na kyidɔm no dii AWURADE adaka no akyi, wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Asɔfo baason a wokurakura adwennimmɛn mmɛn no bɔɔ nsra wɔ Awurade Adaka no anim, a wɔrehyɛn wɔn mmɛn. Wɔn a wokurakura akode no bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfo a wokurakura mmɛn no anim ne Awurade Adaka no akyi. Saa bere no nyinaa na asɔfo no rehyɛn wɔn mmɛn no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Asɔfoɔ baason a wɔkurakura nnwennini mmɛn no bɔɔ nsra wɔ Awurade Adaka no anim wɔ ɛberɛ a wɔrehyɛn wɔn mmɛn. Wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ a wɔkurakura mmɛn no anim ne Awurade Adaka no akyi. Saa ɛberɛ no nyinaa na asɔfoɔ no rehyɛne wɔn mmɛn no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 na asɔfo baasɔn no kurakura osebɔ ntorobɛnto ason no de di AWURADE adaka no anim, wɔnam na wɔrehyɛn ntorobɛnto no ara, na wɔn a wɔamia no dii wɔn anim, na kyidɔm no dii AWURADE adaka no akyi, wɔnam na wɔhyɛn ntorobɛnto no.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 6:13
8 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn boaa Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no no, wɔde anantwinini nson ne adwennini nson bɔɔ afɔdeɛ.


Ɛnna Dan mma nsraban frankaa no tu bɔɔ nsraban no nyinaa kyidɔm sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ; na ne dɔm no so na Amisadai ba Ahieser die;


Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no.


Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu.


Na Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfoɔ no soaa AWURADE adaka no.


Na da a ɛtɔ so mmienu no, wɔtwaa kuro no ho hyiaa prɛko, na wɔsane baa nsraban no mu. Wɔyɛɛ saa nnansia.


Na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nson mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛtɔ so nson no, montwa kuro no ho nhyia mprɛnson, na asɔfoɔ no nhyɛne ntotorobɛnto no.


Na wɔn a wɔamia no dii asɔfoɔ a wɔhyɛne ntotorobɛnto no anim, na kyidɔm no dii adaka no akyi; wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no ara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios