Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 24:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na afei montoto amannɔne anyame a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnanedane mo akoma mma AWURADE mo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na afei montoto amannɔne anyame a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnanedane mo akoma mma AWURADE mo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Yosua kae sɛ, “Eye, monsɛe ahoni a mowɔ nyinaa na momfa mo koma nto Awurade, Israel Nyankopɔn so.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Yosua kaa sɛ, “Ɛyɛ, monsɛe ahoni a mowɔ nyinaa na momfa mo akoma nto Awurade, Israel Onyankopɔn so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na afei montotow amannɔne anyame a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnannan mo koma mma AWURADE mo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 24:23
16 Referencias Cruzadas  

AWURADE yɛn Nyankopɔn nni yɛn akyi, sɛdeɛ ɔdii yɛn agyanom akyire no, ɔnnnya yɛn, na ɔmmpa yɛn nso.


Na ɔnkom yɛn akoma mmra ne so, na yɛanante n’akwan nyinaa mu, na yɛadi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no so.


Kom m’akoma kɔ w’adansesɛm so, na ɛnyɛ sikanibereɛ so.


Nkom m’akoma nkɔ nsɛmmɔne ho, sɛ me ne nnipa amumuyɛfoɔ bɛdi nsɛmmɔne, na mma mennka wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ bi mennhwɛ.


Me ara mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so mebaeɛ no, trɛ wo anomu tɛtrɛɛ na menhyɛ no ma.


Monnyɛ me so dwetɛ anyame anaa sika anyame biara mmfa.


sɛ wobɛyɛ aso atie nyansa, na woakom w’akoma ama nteaseɛ,


Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio? Me deɛ, mɛgye no so, na m’ani aku ne ho, me a mete sɛ pepeaa frɔmfrɔm, me so na wɔbɛhunu w’aba.


Na afei monsuro AWURADE na monsom no mudie ne nokorɛ mu, na mompa anyame a mo agyanom som wɔ asuogya ne Misraim no, na monsom AWURADE.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios