Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 24:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na AWURADE apamo aman no nyinaa ne Amorifoɔ a wɔte asase no soɔ no afiri yɛn anim; yɛn nso yɛbɛsom AWURADE, na ɔno ne yɛn Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na AWURADE apamo aman no nyinaa ne Amorifoɔ a wɔte asase no soɔ no afiri yɛn anim; yɛn nso yɛbɛsom AWURADE, na ɔno ne yɛn Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛyɛ Awurade na ɔpam Amorifo ne aman foforo a na wɔte asase yi so no. Enti yɛn nso, yɛbɛsom Awurade, efisɛ ɔno nko ne yɛn Nyankopɔn.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛyɛ Awurade na ɔpamoo Amorifoɔ ne aman foforɔ a na wɔte asase yi so no. Enti yɛn nso, yɛbɛsom Awurade, ɛfiri sɛ, ɔno nko ne yɛn Onyankopɔn.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na AWURADE apam aman no nyinaa ne Amorifo a wɔte asase no so no afi yɛn anim: Yɛn nso yɛbɛsom AWURADE, na ɔno ne yɛn Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 24:18
13 Referencias Cruzadas  

O AWURADE, meyɛ w’akoa, meyɛ w’akoa, w’afenaa ba; woasane me nhoma.


na woaka deɛ meyɛeɛ wɔ Misraim ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyii no adie wɔ wɔn mu no wɔ wo ba ne wo ba ba aso mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.


M’ahoɔden ne me dwontoɔ ne AWURADE, na wayɛ me nkwagyeɛ. Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ m’agya Nyankopɔn, na mɛma no so.


Na mɛtwa w’ahyeɛ afiri Mmɛwa Po ano akɔsi Filistifoɔ po ano, na afiri ɛserɛ so akɔsi asuo no ano; na mɛyi asase no sofoɔ mahyɛ mo nsa na woapamo wɔn afiri w’anim.


Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so; na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nna no mu na mmarima du a wɔfiri amanaman kasa nyinaa mu bɛsosɔ Yudani baako atadeɛ mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛteɛ.


Yɛn agyanom nsa kaa saa ntomadan yi no, wɔne Yosua de baa amanaman a Onyankopɔn pamm wɔn firii yɛn agyanom anim no asase so. Ɛte saa ara de bɛsii Dawid berɛ so.


Ɔno ne w’ayeyie, na ɔne wo Nyankopɔn a wayɛ nnoɔma akɛseɛ a ɛyɛ hu a w’ani ahunu yi ama woɔ.


Tete Nyankopɔn ne wo tenabea, na aseɛ na daapem abasa no wɔ. Na ɔbɛpamo ɔtamfoɔ w’anim, na waka sɛ: Dwɛre wɔn.


Na AWURADE atu amanaman akɛseɛ a wɔn ho yɛ den afiri mo anim, na mo deɛ, obi ntumi nnyinaa mo anim de abɛduru nnɛ.


Ɛfiri sɛ AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, ɔno ne deɛ ɔyii yɛn ne yɛn agyanom Misraim asase soɔ firii nkoafie baeɛ, na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ yi yɛn anim, na ɔhwɛɛ yɛn ɔkwan a yɛnam soɔ no nyinaa mu ne aman a yɛfaa wɔn mu no nyinaa mu.


Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Morentumi nsom AWURADE, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron, Onyankopɔn ninkufoɔ ne no, ɔremfa mo mmarato ne mo bɔne nkyɛ mo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios