Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 24:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na sɛ ɛnyɛ wɔ mo ani so sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnneɛ ɛnnɛ monyi deɛ mobɛsom no mfa, sɛ anyame a mo agyanom someeɛ a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifoɔ a mote wɔn asase soɔ yi anyame oo, na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na sɛ ɛnyɛ wɔ mo ani so sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnneɛ ɛnnɛ monyi deɛ mobɛsom no mfa, sɛ anyame a mo agyanom someeɛ a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifoɔ a mote wɔn asase soɔ yi anyame oo, na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Sɛ nso mompɛ sɛ mosom Awurade a, nnɛ yi ara, monkyerɛ nea mobɛsom no. Anyame a mo agyanom somee wɔ bere a na wɔwɔ Efrate agya no na mopɛ? Anaa Amorifo a mote wɔn asase so mprempren no anyame? Na me ne me fi de, yɛbɛsom Awurade.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Sɛ nso mompɛ sɛ mosom Awurade a, ɛnnɛ yi ara, monkyerɛ deɛ mobɛsom no. Anyame a mo agyanom somm wɔn wɔ ɛberɛ a na wɔwɔ Eufrate agya no na mopɛ? Anaa Amorifoɔ a mote wɔn asase so seesei no anyame? Na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom Awurade.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na sɛ ɛnyɛ mo pɛ sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnne ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no mfa: Sɛ anyame a mo agyanom somee a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifo a mote wɔn asase so yi anyame oo, na me ne me fi de, yɛbɛsom AWURADE.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 24:15
22 Referencias Cruzadas  

Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fiefoɔ a ɛbɛdi n’akyire sɛ wɔnni AWURADE kwan so nyɛ tenenee ne atɛntenenee adeɛ, na AWURADE ama deɛ waka no Abraham ho no aba ne so.


Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fiefoɔ ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: Montoto anyame ananafoɔ a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnwira mo ho, na monsakyera mo ntadeɛ.


Ɛnna Elia twe pinii ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛnkɔsi da bɛn na mo adwene bɛyɛ mo ntanta? Sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a, monni n’akyi: Sɛ Baal nso a, monni n’akyi! Na ɔman no ammua no asɛm biara.


Yebusini, Amorini, Girgasini,


Mede nimdeɛ bɛfa pɛyɛ kwan so. Da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede m’akoma pɛyɛ bɛnante me fie.


Maka ntam, na mɛma no agyina, sɛ mɛdi wo tenenee atemmudeɛ so.


Nni nnipa dodoɔ akyi nkɔyɛ bɔne, nanso nkasa asɛm bi mu nkom nkɔdi nnipa dodoɔ akyi nnane asɛm ani.


Nsɔre wɔn anyame na nsom wɔn, na nyɛ wɔn nneyɛɛ nso, na butuo na butu wɔn, na bubuo na bubu wɔn adum.


na wo ne deɛ ɔte asase no soɔ no ampam, na wɔdi wɔn anyame akyi bɔ adwaman na wɔbɔ wɔn anyame afɔdeɛ a, obi ammɛfrɛ wo na woankɔdi n’afɔrebɔdeɛ no bi,


Na mo, Israel fie, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monkɔ nkɔsom mo abosonhuhuo ɛ, seesei ne daakye, sɛ moantie me a, ɛnneɛ na mommfa mo ayɛyɛdeɛ ne mo abosonhuhuo no ngu me din kronkron no ho fi bio.


Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, hunu sɛ yɛrensom w’anyame, na yɛrensɔre sika honi a wode asi hɔ no.


na wɔmfa aboɔ foforɔ nhyehyɛ aboɔ no ananmu, na wɔmfa dɔteɛ foforɔ mma efie no ho.


Na aman no mu biara nante ne nyame din mu, na yɛn deɛ, yɛbɛnante AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu de akɔsi daa daa.


Na ɔbaeɛ na ɔbɛhunuu Nyankopɔn adom no, n’ani gyee, na ɔtuu wɔn nyinaa fo sɛ wɔnsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


amanaman a wɔatwa wo ho ahyia a wɔbɛn woɔ anaasɛ wɔmmɛn woɔ firi asase ano kɔsi asase ano nohoa anyame bi, a,


na monhwɛ yie, na ɔbarima bi anaa ɔbaa bi anaa abusua bi anaa abusuakuo bi antena mo mu a wɔn akoma redane nnɛ afiri AWURADE yɛn Nyankopɔn ho, sɛ worekɔ akɔsom amanaman no anyame no, na nhini bi antena mo mu a ɛso ɛborɔ ne ɔnwono;


Na ɔman no gyee so sɛ: Yei mpare yɛn sɛ yɛbɛgya AWURADE hɔ akɔsom anyame foforɔ.


na mesee mo sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, monnsuro Amorifoɔ a mote wɔn asase soɔ no anyame, nanso moantie me nne.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios