Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 23:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 na moankɔ amanaman a akeka mo ho yi mu; na mommmɔ wɔn anyame din, na monnka wɔn ntam, na monnsom wɔn, na monnsɔre wɔn,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 na moankɔ amanaman a akeka mo ho yi mu; na mommmɔ wɔn anyame din, na monnka wɔn ntam, na monnsom wɔn, na monnsɔre wɔn,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Monhwɛ yiye sɛ mo ne nnipa foforo a wɔda so te asase no so no nnya ayɔnkofa biara. Mpo, mommmɔ wɔn anyame din na moabɔ wɔn din aka ntam anaasɛ moasom wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Monhwɛ yie sɛ mo ne nnipa foforɔ a wɔda so te asase no so no nnya ayɔnkofa biara. Mpo, mommmɔ wɔn anyame din na moabɔ wɔn din aka ntam anaasɛ moasom wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 na moankɔ amanaman a akeka mo ho yi mu; na mommmɔ wɔn anyame din, na monnka wɔn ntam, na monnsom wɔn, na monnsɔre wɔn,

Ver Capítulo Copiar




Yosua 23:7
23 Referencias Cruzadas  

Na wɔsonsom ahonihuhuo a AWURADE aka wɔn ɛho asɛm sɛ: Monnni saa asɛm yi, no.


Asɛm yi mu nko na AWURADE mfa nkyɛ w’akoa, sɛ me wura rekɔ Rimon fie akɔsɔre hɔ, na ɔtwere me nsa soɔ, na mekoto Rimon fie. Sɛ mekoto Rimon fie a, AWURADE mfa nkyɛ w’akoa, asɛm yi mu.


Na sɛ wo ne wo nkurɔfoɔ sane na mogya m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm a mede magu mo anim yi, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ, na mosɔre wɔn a,


Wɔn a wɔdi anyame afoforɔ akyire no, wɔma wɔn yea dɔɔso. Merenhwie wɔn mogya nhwiesa no bi, na meremfa m’ano memmɔ wɔn din.


Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ,


Deɛ maka no nyinaa, monni so. Na anyame foforɔ din nso, mommmɔ, mommma wɔnnte wɔ mo anomu.


Mma wɔnntena w’asase so, na wɔamma woanyɛ me ho bɔne; na sɛ wosom wɔn anyame a, ampa ɛbɛyɛ wo fidie.


Nkɔ abɔnefoɔ kwan mu, na mfa nnipa bɔne kwan so.


Na sɛ wɔbɛsua me man akwan yie, aka me din ho ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi; sɛdeɛ wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam no a; ɛnneɛ wɔbɛyɛne wɔn wɔ me man mu.


Yei deɛ, ɛbɛyɛ dɛn na mede bɛkyɛ woɔ? Wo mma agya me, na wɔkeka wɔn a wɔnyɛ anyame ntam. Na mema wɔmee mpo a, wɔsɛe awadeɛ ara, na wɔbɔ yuu kɔ nnwamamfoɔ fie.


Na mɛyi Baal ahodoɔ din mafiri n’anomu, na wɔremfa wɔn din nkae wɔn bio.


ne wɔn a wɔsɔre ewiem nnoɔma wɔ adan atifi, ne asɔrefoɔ a wɔkeka AWURADE ntam na wɔkeka Milkom ntam


Nebo ne Baal-meon (a din no sakyerasakyeraeɛ) ne Sibma, na wɔtotoo nkuro a wɔkyekyereeɛ no din.


Na sɛ moampamo asase no sotefoɔ amfiri mo anim a, ɛnneɛ wɔn mu wɔn a mobɛgya wɔn no bɛdane mo aniwa mu nkasɛɛ ne mo mfe mu nnunsini, na wɔateetee mo, asase a mote soɔ no so.


Mommma wɔnnnaadaa mo! Fekuo bɔne sɛe ɔbra pa.


Na monnyɛ esum nnwuma a ɛnso aba no bi, na mmom mompa ho ntoma!


AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, ɔno na som no, na ne ho na bata, na ne din ho ntam na ka.


AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, na ɔno na som no, na ne din ho ntam na ka;


monnni anyame foforɔ a wɔfiri amanaman a wɔgugu mo ho no anyame no akyi;


Na sɛ mosane mo akyiri de mo ho kɔbata amanaman yi nkaeɛ a wɔakeka mo ho yi ho, na mo ne wɔn di ayewareɛ na mokɔ wɔn mu na wɔba mo mu a,


na mmom AWURADE mo Nyankopɔn ho na momfam, sɛdeɛ moayɛ de abɛduru nnɛ yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios