Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 23:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na sɛdeɛ asɛmpa a AWURADE kaa mo no nyinaa aba mo soɔ no, saa ara na AWURADE bɛma asɛmmɔne nyinaa nso aba mo soɔ akɔsi sɛ ɔbɛsɛe mo afiri asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na sɛdeɛ asɛmpa a AWURADE kaa mo no nyinaa aba mo soɔ no, saa ara na AWURADE bɛma asɛmmɔne nyinaa nso aba mo soɔ akɔsi sɛ ɔbɛsɛe mo afiri asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Nanso sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn de nnepa a ɔhyɛɛ ho bɔ maa mo no, saa ara na sɛ moanyɛ osetie amma no a ɔde amanehunu bɛba mo so. Ɔbɛpra mo afi saa asase pa a ɔde ama mo yi so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Nanso, sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn de nnepa a ɔhyɛɛ ho bɔ maa mo no, saa ara na sɛ moannyɛ ɔsetie amma no a ɔde amanehunu bɛba mo so. Ɔbɛpra mo afiri saa asase pa a ɔde ama mo yi so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na sɛnea asɛmpa a AWURADE kaa mo no nyinaa aba mo so no, saa ara na AWURADE bɛma asɛmmɔne nyinaa nso aba mo so akosi sɛ ɔbɛsɛe mo afi asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi so.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 23:15
18 Referencias Cruzadas  

AWURADE bɛbɔ Israel sɛdeɛ demmire woso nsuo mu, na watutu Israel afiri asase pa a ɔde maa wɔn agyanom yi so, na wabɔ wɔn apete akɔ asuogya, ɛsiane sɛ wɔayɛ wɔn Asera nnua de ahuru AWURADE bo.


Nhyira ne AWURADE a wama ne man Israel ahome. N’asɛmpa a ɔnam n’akoa Mose so kaeɛ no nyinaa mu asɛm baako mpo antɔ fam.


Enti na nnome amene asase, na ɛsotefoɔ di fɔ; enti na asase sofoɔ ahyeɛ, na aka so adasamma ketewaa bie.


Hwɛ, epie no reduru kuro no ho sɛ wɔrebɛgyeɛ, na wɔde kuro no bɛhyɛ Kaldeafoɔ a wɔne no reko no nsa, afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na nsɛm a wokaeɛ no aba mu, na hwɛ, wohunu.


Na sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ me bɔne kɛseɛ yi nyinaa aba ɔman yi soɔ no, saa ara na mɛma yie a maka no wɔn ho no nyinaa bɛba wɔn soɔ.


Ɛno nti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a meka metiaa Yuda ne Yerusalemfoɔ no nyinaa mereba wɔn so, ɛsiane sɛ makasa akyerɛ wɔn, na wɔantie, na mafrɛ wɔn, na wɔannye me so nti.


Sɛ mofa m’ahyɛdeɛ so na mohwɛ me mmara nsɛm na moyɛ a,


Wɔbara yɛn sɛ yɛnnkasa nnkyerɛ amanaman no, na wɔannye wɔn nkwa, wɔde hyɛ wɔn bɔne ma daa, nso abufuo no anya aba wɔn so awie.


Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsa mfirinhyia aduanan.


Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; na AWURADE hyɛɛ Moabhene Eglon den tiaa Israel, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.


Ɛnna AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Mesopotamia hene Kusan-risataim nsa, na Israelfoɔ som Kusan-risataim mfirinhyia nwɔtwe.


Na Israelfoɔ yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfeɛ nson.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios