Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 22:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Sɛ yɛsii afɔrebukyia sɛ yɛresane afiri AWURADE akyi anaasɛ yɛrebɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa aduane afɔdeɛ anaasɛ yɛrebɔ so asomdwoeɛ afɔdeɛ a, ɛnneɛ AWURADE mmɛbisa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Sɛ yɛsii afɔrebukyia sɛ yɛresane afiri AWURADE akyi anaasɛ yɛrebɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa aduane afɔdeɛ anaasɛ yɛrebɔ so asomdwoeɛ afɔdeɛ a, ɛnneɛ AWURADE mmɛbisa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 yensii afɔremuka mmaa yɛn ho sɛ yɛrefi Awurade nkyɛn. Na yɛremmɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre anaa asomdwoe afɔre wɔ so nso. Sɛ eyi nti na yesii afɔremuka no a, Awurade no ankasa ntwe yɛn aso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 yɛnnsii afɔrebukyia mmaa yɛn ho sɛ yɛrefiri Awurade nkyɛn. Na yɛremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ so nso. Sɛ yei enti na yɛsii afɔrebukyia no a, Awurade no ankasa ntwe yɛn aso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Sɛ yesii afɔremuka sɛ yɛresan afi AWURADE akyi anaasɛ yɛrebɔ so ɔhyew afɔre anaa aduan afɔre anaasɛ yɛrebɔ so asomdwoe afɔre a, ɛnne AWURADE mmebisa yɛn.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 22:23
10 Referencias Cruzadas  

Nam a ne mogya da so wɔ ne mu nko na monnnie.


Na Ɔhene Yoas ankae adɔeɛ a Sakaria agya Yehoiada de yɛɛ no no, na ɔkumm ne ba no. Na ɔrewuo no, ɔkaa sɛ: AWURADE nhwɛ na ɔntɔ so were.


Sɛ mese ɔbɔnefoɔ sɛ: Wuo na wobɛwuo, na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ no, antwe ɔbɔnefoɔ no amfiri n’akwammɔne so, na wannya nkwa a, ɛnneɛ ɔno ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɛ mu deɛ, nanso ne mogya deɛ mɛbisa no wɔ wo nsam.


Na sɛ ɔwɛmfoɔ no hunu nkrantɛ sɛ ɛreba, na wanhyɛne abɛn no ammɔ ɔmanfoɔ kɔkɔ na nkrantɛ no ba bɛkum wɔn mu bi a, ɔno deɛ, n’amumuyɛ mu na wɔafa no korɔ, na ne mogya deɛ, mɛbisa no ɔwɛmfoɔ no nsam.


Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: Ɔbɔnefoɔ, wuo na wobɛwuo, na sɛ woanka ammɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ ne kwan ho a, ɔno ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɛ mu, na ne mogya deɛ, wo nsam na mɛbisa.


ɛnneɛ faako a AWURADE mo Nyankopɔn bɛyi ama ne din atena no, ɛhɔ na momfa deɛ merehyɛ mo no nyinaa nkorɔ: Mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo kum afɔdeɛ ne mo ntotosoɔ du du ne mo nsam mmasoɔ adeɛ ne mo bɔhyɛ adeɛ a moyie a mode hyɛ AWURADE bɔ no nyinaa.


Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔrentie me nsɛm a ɔbɛka no me din mu no, me na mɛbisa no ne hɔ.


Na ɛyɛ suro ne asɛm bi nti na yɛyɛɛ saa, ɛfiri sɛ yɛse: Ɔkyena bi mo mma bɛka akyerɛ yɛn mma sɛ: Ɛdeɛn na mo ne AWURADE Israel Nyankopɔn no wɔ yɛ?


Na Yonatan ne Dawid fie pamee sɛ: AWURADE ntɔ Dawid atamfoɔ were.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios