Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 22:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na mo deɛ, nnɛ moresane afiri AWURADE akyi? Na morete AWURADE anim atua nnɛ yi, ɔkyena ne bo bɛfu Israel asafo no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na mo deɛ, nnɛ moresane afiri AWURADE akyi? Na morete AWURADE anim atua nnɛ yi, ɔkyena ne bo bɛfu Israel asafo no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Nanso nnɛ yi, moretwe mo ho afi Awurade ho, sɛ morenni nʼakyi. “Sɛ mosɔre tia Awurade nnɛ a, ɔkyena ne bo befuw yɛn nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Nanso ɛnnɛ yi, moretwe mo ho afiri Awurade ho sɛ morenni nʼakyi? “ ‘Sɛ mosɔre tia Awurade ɛnnɛ a, ɔkyena ne bo bɛfu yɛn nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na mo de, nnɛ moresan afi AWURADE akyi? Na moretew AWURADE anim atua nnɛ yi, ɔkyena ne bo befuw Israel asafo no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 22:18
20 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE bo huru tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid hyɛɛ wɔn sɛ: Kɔ na kɔkan Israel ne Yuda.


Na sɛ mo ne mo mma sane firi m’akyire, na moanni me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ a mede magu mo anim yi so, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ na mosɔre wɔn a,


Na Israel te firii Dawid fie ho, na wɔde Nebat ba Yeroboam sii hene, na Yeroboam twee Israel firii AWURADE akyiridie ho, maa wɔyɛɛ bɔne kɛse.


Na Satan sɔre gyina tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel.


Na AWURADE maa ɔyaredɔm baa Israel so, na Israel mu nnipa mpemaduɔson wuwui.


Na ɛfiri berɛ a Amasia sane firii AWURADE akyire no, wɔpamm ne tiri so wɔ Yerusalem, na ɔdwane kɔɔ Lakis, na wɔsoma maa wɔtii no kɔɔ Lakis kɔkumm no wɔ hɔ.


Na Yosia yiyii akyiwadeɛ no nyinaa firii nsase a ɛyɛ Israelfoɔ deɛ no nyinaa so, na ɔde wɔn a wɔwɔ Israel no nyinaa hyɛɛ ɔsom no mu maa wɔsom AWURADE wɔn Nyankopɔn. Ne nna nyinaa mu no, wɔamfiri AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn no, akyiridie ho.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar sɛ: Mommpɛsɛ mo ti, na monnsunsuane mo ntadeɛ mu, na moanwuwu, na abufuo amma asafo no nyinaa so, nanso mo nuanom, Israel fie nyinaa, nsu wɔn a AWURADE de ogya ahye wɔn yi.


Na wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! Ɔbarima baako bɛyɛ bɔne na wo bo afu asafo mu no nyinaa?


Sɛ mosane firi AWURADE akyi a, ɔbɛgya wɔn hɔ bio, ɛserɛ so, na moasɛe ɔman mu yi nyinaa.


Ɛfiri sɛ ɔbɛdane wo mma ani afiri m’akyi, na wɔasom anyame foforɔ, na AWURADE bo afu mo, na wasɛe wo ntɛm.


Na wɔduruu Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no nkyɛn Gilead asase so, na wɔne wɔn kasaa sɛ:


Sɛ AWURADE asafo no nyinaa seɛ nie: Fom bɛn na mode afom Israel Nyankopɔn yi sɛ nnɛ moadane mo ho afiri AWURADE akyire, na moasi afɔrebukyia afa, na moate AWURADE anim atua nnɛ yi!


Ɛnyɛ Sera ba Akan na ɔfom ahyiradeɛ no mu, na abufuo baa Israel asafo no nyinaa soɔ? Nso ɛnyɛ ɔno nko na ɔsɛeeɛ, ne mfomsoɔ no mu.


Na Israelfoɔ no too ahyiradeɛ no ho mmara, na Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no faa ahyiradeɛ no bi, na AWURADE bo fuu Israelfoɔ no.


Israel ayɛ bɔne, wɔato m’apam a mehyɛɛ wɔn ho mmara no nso, na wɔafa ahyiradeɛ no bi nso, na wɔabɔ korɔno nso, na wɔasi so nso, na wɔde asie wɔn adeɛ mu nso.


Mehunuu asadeɛ no mu Sinear ngusoɔ fɛfɛ bi ne dwetɛ nnwetɛbena ahanu ne sika dame baako a ano si nnwetɛbena aduonum, na m’ani beree, na mefae; na hwɛ, ɛhyɛ fam me ntomadan mu, na dwetɛ no wɔ aseɛ.


Sɛ mosuro AWURADE na mosom no na motie no, na moante AWURADE anomu asɛm so atua na mo ne ɔhene a ɔdi mo soɔ no nyinaa redi AWURADE mo Nyankopɔn akyi a, anka ɛyɛ.


Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro; moayɛ bɔne yi nyinaa deɛ, nanso AWURADE akyi na monnsane mmfire, na momfa mo akoma nyinaa nsom AWURADE.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios