Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 22:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na wɔduruu Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no nkyɛn Gilead asase so, na wɔne wɔn kasaa sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na wɔduruu Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no nkyɛn Gilead asase so, na wɔne wɔn kasaa sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Na woduu Gilead asase so no, wɔka kyerɛɛ Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no se,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Na wɔduruu Gilead asase so no, wɔka kyerɛɛ Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na woduu Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no nkyɛn Gilead asase so, na wɔne wɔn kasae sɛ:

Ver Capítulo Copiar




Yosua 22:15
31 Referencias Cruzadas  

Na Yoab kaa sɛ: AWURADE nka ne man ho sɛdeɛ wɔteɛ yi mprɛha so, me wura ɔhene, ɛnyɛ wɔn nyinaa ne me wura nkoa anaa? Adɛn nti na me wura rehwehwɛ yei? Adɛn nti na yei nyɛ asodie mma Israel?


Na Israel wae firii Dawid fie ho de bɛsi nnɛ.


Na ɛfiri berɛ a Amasia sane firii AWURADE akyire no, wɔpamm ne tiri so wɔ Yerusalem, na ɔdwane kɔɔ Lakis, na wɔsoma maa wɔtii no kɔɔ Lakis kɔkumm no wɔ hɔ.


Na wɔkɔgyinae ne Ɔhene Usia dii asie, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Usia, ɛnyɛ wo deɛ sɛ wobɛhye aduhwam ama AWURADE, na ɛyɛ asɔfoɔ, Aaron mma a wɔayɛ wɔn kronkron sɛ wɔnhye aduhwam no dea. Firi adi firi kronkronbea ha yi, na woafom, na w’anim nyɛ nyam AWURADE Nyankopɔn anim.


na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfa nnommum no mma ha, ɛfiri sɛ mode deɛ ɛde AWURADE anim asodie bɛba de abɛpae yɛn bɔne ne yɛn asodie dada no soɔ, ɛfiri sɛ yɛn asodie dɔɔso ma yɛn, na AWURADE abufuhyeɛ wɔ Israel so.


AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔteneneeni ne wo, ɛfiri sɛ wɔagya yɛn nkaeɛ bi a wɔafiri mu sɛdeɛ ɛte nnɛ yi; hwɛ, yɛwɔ w’anim, yɛn asodie mu. Na yei nti obiara biara rentumi nnyina w’anim.


ɛfiri sɛ wɔafefa wɔn mmammaa mu bi, na wɔne wɔn mma awareware wɔn, na yɛn asefoɔ kronkron no de wɔn ho akɔfrafra nsase no so aman no mu. Na mmapɔmma ne amampanin no na ɛdi mmarato yi mu kan.


Na wɔanyɛ sɛ wɔn agyanom, mma asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ, mma a wɔmfa wɔn akoma nsi tee, na wɔn honhom nni Nyankopɔn nokorɛ.


wɔamane afiri kwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwie ba a wɔaguo, na wɔasɔre no abɔ afɔdeɛ ama no aka sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.


Na wɔn deɛ, wɔtee atua na wɔhyɛɛ ne Honhom kronkron no yea, enti ɔdanee wɔn ɔtamfoɔ, na ɔno ara ne wɔn dii ako.


Ɛno na wɔbɛka wɔn amumuyɛ ne wɔn agyanom amumuyɛ no; — sɛ, nkontompo a wɔtwaa me ne asie a wɔne me diiɛ nti,


Asodie ho afɔdeɛ ne no. AWURADE ho so na wadie.


na Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ wɔ mo anim hɔ, na mobɛtotɔ nkrantɛ ano; na ɛnam sɛ moasane afiri AWURADE akyiri nti, AWURADE nso renni mo akyi.


Sɛ mosane firi AWURADE akyi a, ɔbɛgya wɔn hɔ bio, ɛserɛ so, na moasɛe ɔman mu yi nyinaa.


Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Ɔbarima anaa ɔbaa yɛ bɔne tia onipa bi de fom AWURADE a,


Na sɛ wantie wɔn nso a, kɔka kyerɛ asafo no. Na sɛ wantie asafo no nso a, ɛnneɛ bu no sɛ ɔbosonsonni ne togyeni.


Na anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so metu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ anokorɔ, na mpaepaemu amma mo mu, na mmom moabɔ mu awie pɛyɛ adwene korɔ ne nsusuiɛ korɔ mu.


Sɛ mo ne me honhom hyia yɛn Awurade Yesu din mu na yɛn Awurade Yesu tumi ka ho a,


Na sɛ w’akoma dane na woantie, na woma wɔtwe wo kɔsɔre anyame foforɔ na wosom wɔn a,


Ɛfiri sɛ ɔbɛdane wo mma ani afiri m’akyi, na wɔasom anyame foforɔ, na AWURADE bo afu mo, na wasɛe wo ntɛm.


Monhwɛ na moampo deɛ ɔkasa no. Na sɛ wɔn a wɔpoo deɛ ɔkasaa asase soɔ no amfiri ne nsa a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mmom a sɛ yɛdane firi deɛ ɔfiri soro kasa no ho a, yɛbɛdwane?


Na Israelfoɔ no teeɛ no, wɔboaboaa Israelfoɔ asafo no nyinaa ano, Silo, sɛ wɔretu wɔn so sa.


na wɔde mmapɔmma du kaa ne ho, Israel mmusuakuo no mu biara mu bapɔmma baako; na wɔn mu biara yɛ ne mpanimfie ti, Israel mpempem no mu.


Sɛ AWURADE asafo no nyinaa seɛ nie: Fom bɛn na mode afom Israel Nyankopɔn yi sɛ nnɛ moadane mo ho afiri AWURADE akyire, na moasi afɔrebukyia afa, na moate AWURADE anim atua nnɛ yi!


Na mo deɛ, nnɛ moresane afiri AWURADE akyi? Na morete AWURADE anim atua nnɛ yi, ɔkyena ne bo bɛfu Israel asafo no nyinaa.


Na atuateɛ te sɛ woakɔ abisa, na asoɔden te sɛ amumuyɛ ne ahonisom. Ɛsiane sɛ woapo AWURADE asɛm nti, ɔno nso apo wo afiri ahennie no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios