Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 21:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ntonto no ba maa Kohatfoɔ mmusua, na Ɔsɔfoɔ Aaron mma a wɔfiri Lewifoɔ mu no nam tonto so nyaa Yuda abusuakuo ne Simeon abusuakuo ne Benyamin abusuakuo mu nkuro dummiɛnsa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na ntonto no ba maa Kohatfoɔ mmusua, na Ɔsɔfoɔ Aaron mma a wɔfiri Lewifoɔ mu no nam tonto so nyaa Yuda abusuakuo ne Simeon abusuakuo ne Benyamin abusuakuo mu nkuro dummiɛnsa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Aaron asefo a na wɔyɛ Kohat abusuamma, na wɔfra Lewi abusuakuw mu no nyaa nkurow dumiɛnsa a na anka ɛyɛ Yuda, Simeon ne Benyamin mmusuakuw no dea.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Aaron asefoɔ a na wɔyɛ Kohat abusua mma, na wɔfra Lewi abusuakuo mu no nyaa nkurotoɔ dumiɛnsa a na anka ɛyɛ Yuda, Simeon ne Benyamin mmusuakuo no dea.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na ntonto no bae maa Kehatfo mmusua, na ɔsɔfo Aaron mma a wofi Lewifo mu no nam ntonto so nyaa Yuda abusuakuw ne Simeon abusuakuw ne Benyamin abusuakuw mu nkurow dumiɛnsa.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 21:4
9 Referencias Cruzadas  

ne ne nua Asaf a ɔgyina ne nifa soɔ, Asaf, Berekia ba, Simea ba,


Na yeinom ne Lewi mma din wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu: Gerson, Kohat ne Merari. Na Lewi mfeɛ a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduasa nson.


Na Amram faa n’agya nua Yokebed waree, na ɔwoo Aaron ne Mose maa no. Na Amram mfeɛ a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduasa nson.


Na Kohat deɛ ne Amramfoɔ abusua, Iseharfoɔ abusua, Hebronfoɔ abusua ne Usielfoɔ abusua; yeinom ne Kohatfoɔ mmusua no.


Na Israelfoɔ nam AWURADE anomu asɛm so de wɔn agyapadeɛ mu nkuro yi ne ɛho mmoa adidibea nsase maa Lewifoɔ.


Na Kohatfoɔ a wɔkaeɛ no nam ntonto so nyaa Efraim abusuakuo mmusua ne Dan abusuakuo ne Manase abusuakuo fa no mu nkuro du.


Na Aaron ba Eleasa nso wui, na wɔkoraa no ne ba Pinehas kuro Gibea a wɔde maa no, Efraim bepɔ soɔ no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios