Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 20:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Yeinom ne nkuro a wɔyiyi totoo hɔ maa Israelfoɔ nyinaa ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wɔn mu, sɛ obiara a ɔkum ɔkra bi nsapa mu no nnwane nkɔ hɔ na wanwu mogya ho werefoɔ nsam de kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Yeinom ne nkuro a wɔyiyi totoo hɔ maa Israelfoɔ nyinaa ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wɔn mu, sɛ obiara a ɔkum ɔkra bi nsapa mu no nnwane nkɔ hɔ na wanwu mogya ho werefoɔ nsam de kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Eyinom ne nkuropɔn a woyiyi maa Israelfo ne ahɔho a wɔne wɔn te no. Obiara a wamfi ɔboayɛ mu ankum ɔfoforo no, otumi kɔhwehwɛ guankɔbea wɔ saa nkuropɔn yi biara so. Sɛ wɔfa saa ɔkwan yi so a wɔn a wɔrehwehwɛ aweretɔ no nsa renka awudifo no nkum wɔn ansa na wɔaba ɔmanfo asennii abeyi wɔn ho ano.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Yeinom ne nkuropɔn a wɔyiyi maa Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne wɔn teɛ no. Obiara a wanfiri boapayɛ mu ankum ɔfoforɔ no, ɔtumi kɔpɛ dwanekɔbea wɔ saa nkuropɔn yi mu biara so. Sɛ wɔfa saa ɛkwan yi so a wɔn a wɔrepɛ aweretɔ nsa renka awudifoɔ no nkum wɔn ansa na wɔaba ɔmanfoɔ asɛnniiɛ abɛyi wɔn ho ano.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Eyinom ne nkurow a woyiyi totoo hɔ maa Israelfo nyinaa ne ɔhɔho a wabɛsoɛ wɔn mu, sɛ obiara a okum ɔkra bi nsapa mu no nguan nkɔ hɔ na wanwu mogya ho werefo nsam, akosi sɛ obegyina asafo no anim.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 20:9
5 Referencias Cruzadas  

Na nkuro a mobɛyie no nyɛ mo dwanekɔbea nkuro nsia.


ɛnyɛ dwanekɔbea nkuro, na nkuro nsia yi nyɛ dwanekɔbea mma Israelfoɔ ne ɔhɔhoɔ ne ɔmamfrani a ɔte wɔn mu, na obiara a ne nsa apa onipa bi ho no adwane akɔ hɔ.


Na deɛ ɔdwane kɔ saa nkuro yi bi mu no nnyina kuro no pono ano, na ɔnka ne nsɛm ngu kuro no mu mpanimfoɔ aso mu, na wɔmfa no nkɔ wɔn nkyɛn, kuro no mu, na wɔmma no tenabea na ɔne wɔn ntena.


Na ɔntena kuro no mu nkɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim na wɔabu no atɛn, kɔsi sɛ ɔsɔfo panin a ɔwɔ so saa berɛ no bɛwuo; ɛno ansa na onipakumfoɔ no nsane nkɔ ne kurom ne ne fie, na ɔnkɔ kuro a ɔfiri mu dwaneeɛ no mu.


Na Yordan agya, Yeriko apueeɛ nso wɔyii Beser, ɛserɛ so asaseta so de firii Ruben abusuakuo mu, na Ramot wɔ Gilead de firii Gad abusuakuo mu, ne Golan wɔ Basan de firii Manase abusuakuo mu mae.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios