Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 20:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔntena kuro no mu nkɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim na wɔabu no atɛn, kɔsi sɛ ɔsɔfo panin a ɔwɔ so saa berɛ no bɛwuo; ɛno ansa na onipakumfoɔ no nsane nkɔ ne kurom ne ne fie, na ɔnkɔ kuro a ɔfiri mu dwaneeɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔntena kuro no mu nkɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim na wɔabu no atɛn, kɔsi sɛ ɔsɔfo panin a ɔwɔ so saa berɛ no bɛwuo; ɛno ansa na onipakumfoɔ no nsane nkɔ ne kurom ne ne fie, na ɔnkɔ kuro a ɔfiri mu dwaneeɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nanso ɛsɛ sɛ okumfo no tena kuropɔn no mu na ɔmanfo di nʼasɛm bu no bem. Na ɛsɛ sɛ owudifo no kɔ so tena kurow no mu, efisɛ owu no yɛ asiane. Ɔbɛtena hɔ akosi sɛ ɔsɔfopanyin a ɔwɔ hɔ saa bere no a asɛm no sii no bewu. Ɛno akyi, okumfo no wɔ ho kwan sɛ ɔsan kɔ ne kurom.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Nanso, ɛsɛ sɛ okumfoɔ no tena kuropɔn no mu na ɔmanfoɔ di nʼasɛm bu no bem. Na ɛsɛ sɛ okumfoɔ no kɔ so tena kuro no mu, ɛfiri sɛ, owuo no yɛ asiane. Ɔbɛtena hɔ akɔsi sɛ ɔsɔfopanin a ɔwɔ hɔ saa ɛberɛ no a asɛm no siiɛ no bɛwu. Ɛno akyi, okumfoɔ no wɔ ho kwan sɛ ɔsane kɔ ne kurom.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔntena nkurow no mu nkosi sɛ obegyina asafo no anim na wɔabu no atɛn, nkosi sɛ ɔsɔfopanyin a ɔwɔ so saa bere no bewu; ɛno ansa na onipakumfo no nsan nkɔ ne kurom ne ne fi, na ɔnkɔ kurow a ofi hɔ guanee no mu.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 20:6
3 Referencias Cruzadas  

Na nkuro no nyɛ dwanekɔbea mma mo mfiri ɔweretɔfoɔ nsam, na onipakumfoɔ no anwu kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo anim na wɔabu no atɛn ansa.


ɛnneɛ anka ɛsɛ no sɛ ɔtaa hunu amane firi wiase fapem, na afei a wiase mmerɛ rewie duro yi, wayi ne ho adi prɛko sɛ ɔnam afɔdeɛ a ɔde ne ho bɔeɛ so bɛyi bɔne.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios