Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 19:51 - New Revised Asante Twi Bible

51 Yeinom ne agyapadeɛ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo agyanom mu atitire no de ntonto kyɛɛ mu wɔ Silo, AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na wɔwiee asase no mu kyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

51 Yeinom ne agyapadeɛ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo agyanom mu atitire no de ntonto kyɛɛ mu wɔ Silo, AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na wɔwiee asase no mu kyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

51 Eyinom ne agyapade a ɔsɔfo Eleasar, Nun babarima Yosua ne mmusuakuw mpanyimfo no nam ntontobɔ kronkron a wɔbɔɔ wɔ Awurade anim wɔ hyiadan pon no ano wɔ Silo no de maa Israel mmusuakuw no. Enti ɛmaa asase no mu kyekyɛ baa awiei.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

51 Yeinom ne agyapadeɛ a ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua ne mmusuakuo mpanimfoɔ no nam ntontobɔ kronkron a wɔbɔɔ wɔ Awurade anim wɔ hyiadan ɛpono no ano wɔ Silo no de maa Israel mmusuakuo no. Enti, ɛmaa asase no mu kyekyɛ baa awieeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

51 Eyinom ne agyapade a ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israelfo mmusuakuw agyanom mu atitiriw no de ntonto kyɛɛ mu wɔ Silo, AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano. Na wowiee asase no mu kyɛ.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 19:51
18 Referencias Cruzadas  

Ahempoma remfiri Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfiri ne nan ntam de kɔsi sɛ ɛsodifoɔ a aman bɛyɛ setie ama no no bɛba.


Na ɔgyaa Silo tenabea no, ntomadan a ɔsii nnipa mu no.


Na ɔsee wɔn sɛ: Me kuruwa deɛ mobɛnom, (na m’asubɔ nso mobɛnya,) na me nifa ne me benkum tena deɛ, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a m’agya asiesie ama wɔn.


Ɛno na ɔhene no bɛse wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’Agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi wiase mfitiaseɛ no nni!


sɛdeɛ womaa no honam nyinaa so tumi, sɛ adeɛ biara a wɔde ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.


Na ɔsɛee aman nson Kanaan asase soɔ no, ɔkyɛɛ wɔn asase no maa wɔn.


Na yei ne Israel agyapadeɛ a wɔnyaa no Kanaan asase soɔ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo mu agyanom so atitire no kyekyɛ maa wɔn,


Na Israelfoɔ asafo no nyinaa bɛhyiaa Silo, na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.


Na Yosua twee ntonto maa wɔn AWURADE anim wɔ Silo, na Yosua kyɛɛ asase no mu wɔ hɔ maa Israelfoɔ no sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ:


Na wɔkaa sɛ: Hwɛ, wɔhyɛ AWURADE fa afe daa Silo a ɛwɔ Betel atifi fam, tempɔn a ɛfiri Betel kɔ Sekem no apueeɛ fam ne Lebona anafoɔ fam.


na monhwɛ, na sɛ Silo mmabaa no firi adi bɛsa wɔn asa no a, momfiri adi mfiri bobe nturo no mu mmra, na obiara mmɛkyere ɛyerɛ mfiri Silo mmabaa no mu mfa nkɔ Benyamin asase so.


Daa afe ɔbarima yi firi ne kurom kɔ sɛ ɔrekɔsɔre na wabɔ afɔdeɛ ama asafo AWURADE wɔ Silo. Na ɛhɔ na Eli mma baanu Hofni ne Pinehas di AWURADE asɔfoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios