Yosua 19:47 - New Revised Asante Twi Bible47 Na Danfoɔ firii hɔ kɔnyaa ɛhyeɛ foforɔ bi, ɛfiri sɛ Danfoɔ no foro kɔe ne Lesem kɔkoe, na wɔfae, na wɔde nkrantɛ ano sɛee no, na wɔdii so, na wɔtenaa hɔ, na wɔfrɛɛ Lesem sɛ Dan, sɛdeɛ wɔn agya Dan din teɛ. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron47 Na Danfoɔ firii hɔ kɔnyaa ɛhyeɛ foforɔ bi, ɛfiri sɛ Danfoɔ no foro kɔe ne Lesem kɔkoe, na wɔfae, na wɔde nkrantɛ ano sɛee no, na wɔdii so, na wɔtenaa hɔ, na wɔfrɛɛ Lesem sɛ Dan, sɛdeɛ wɔn agya Dan din teɛ. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm47 Nanso Dan abusuakuw no nyaa akwanside wɔ wɔn asase no fa ho enti wɔko tiaa Lesem. Wodii kurow no so, kunkum mu nnipa, faa hɔ, tenaa hɔ. Wɔde wɔn tete agya Dan din too kurow no. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm47 Nanso, Dan abusuakuo no nyaa akwansideɛ wɔ wɔn asase no fa ho enti wɔko tiaa Lesem. Wɔdii kuro no so, kunkumm mu nnipa, faa hɔ, tenaa hɔ. Wɔde wɔn tete agya Dan din too kuro no. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON47 Na Danfo fii hɔ konyaa ɔhye foforo bi, na Danfo no foro kɔe ne Lesem kɔkoe, na wɔfae, na wɔde nkrante sɛee no, na wodii so, na wɔtenaa hɔ, na wɔfrɛɛ Lesem sɛ Dan, sɛ wɔn agya Dan din te. Ver Capítulo |