Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 19:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na ɛhyeɛ no kɔpem Tabor, Sahasima ne Bet-semes, na wɔn hyeɛ no ano kɔduru Yordan ano: Nkuro dunsia ne ɛho nkuraa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na ɛhyeɛ no kɔpem Tabor, Sahasima ne Bet-semes, na wɔn hyeɛ no ano kɔduru Yordan ano: Nkuro dunsia ne ɛho nkuraa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Ɔhye no kɔfa Tabor, Sahasima ne Bet-Semes na akowie wɔ Asubɔnten Yordan ho. Nkurow dunsia ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Ɛhyeɛ no kɔfa Tabor, Sahasima ne Bet-Semes na akɔwie Asubɔnten Yordan ho. Nkuro dunsia ne wɔn nkuraaseɛ na atwa ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na ɔhye no kɔpem Tabor ne Sahasima ne Bet-Semes, na wɔn hye no ano kodu Yordan ano: Nkurow dunsia ne ɛho nkuraa.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 19:22
14 Referencias Cruzadas  

Deker ba wɔ Makas ne Saalbim ne Bat-semes ne Elon-bet-anan;


Na Gersom mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, wɔde Isakar abusuakuo ne Aser abusuakuo ne Naftali abusuakuo ne Manase abusuakuo a ɛwɔ Basan no mu nkuro dummiɛnsa maa wɔn.


Na wɔde Rimono ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Tabor ne ɛho asase a ɛwɔ Sebulon abusuakuo mu no maa Merari mma nkaeɛ;


Atifi fam ne anafoɔ fam, wo ara na wobɔeɛ, Tabor ne Hermon di wo din mu ahurisie.


Sɛ mete aseɛ yi, ɔhene a asafo AWURADE ne ne din no asɛm nie, sɛdeɛ Tabor si mmepɔ no ntam na Karmel si ɛpo mu no, saa na ɔbɛba.


Na ɛsane firi Sarid kɔ anim owiapueeɛ de kɔ Kislot-tabor hyeɛ so na ɛfiri adi kɔ Daberat, na ɛforo kɔ Yafia.


Remet, En-ganim, En-hada ne Bet-pases.


Yei ne Isakarfoɔ abusuakuo no agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa.


Yiron, Midgal-el, Horem, Bet-anat ne Bet-semes: Nkuro dunkron ne ɛho nkuraa.


ne Ain ne ɛho asase, ne Yuta ne ɛho asase, ne Bet-semes ne ɛho asase: Mmusuakuo mmienu yi mu nkuro nkron.


Na wɔkɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔ so.


Na ɔsoma maa wɔkɔhyiaa Abinoam ba Barak firi Kedes-naftali bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ hyɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Kɔ, pinkyɛ Tabor bepɔ, na fa Naftalifoɔ ne Sebulonfoɔ mu mmarima mpem du ka wo ho?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios