Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 17:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ woyɛ ɔman kɛseɛ a, foro kɔ kwaeɛ no mu kɔbu hɔ fa, Perisifoɔ ne abrane no asase so, ɛfiri sɛ wonsene Efraim mmepɔ so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ woyɛ ɔman kɛseɛ a, foro kɔ kwaeɛ no mu kɔbu hɔ fa, Perisifoɔ ne abrane no asase so, ɛfiri sɛ wonsene Efraim mmepɔ so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Yosua buaa se, “Sɛ Efraim bepɔw asase no sua ma mo a, monkɔdɔw kwae a Perisifo ne Refaitefo te so no.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Yosua buaa sɛ, “Sɛ Efraim bepɔ asase no sua ma mo dea, monkɔdɔ kwaeɛ a Perisifoɔ ne Refaimfoɔ te so no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ woyɛ ɔman kɛse a, foro kɔ kwae no mu kobu hɔ fa, Perisifo ne abran akɛse no asase so, efisɛ wonsen Efraim mmepɔw so.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 17:15
12 Referencias Cruzadas  

Na akasakasa baa Abram mmoahwɛfoɔ ne Lot mmoahwɛfoɔ ntam. Na berɛ no mu na Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ tete asase no so.


Na afe a ɛtɔ so dunan mu no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔkeka ne ho no bɛkum Refaim wɔ Asterot-karnaim, ne Susifoɔ wɔ Ham, ne Emifoɔ Kiriataim mpaperɛ so,


Hetifoɔ, Perisifoɔ, Refaimfoɔ,


Na ɛdɔm no firii adi kɔɔ wiram kɔhyiaa Israel; na wɔkoo wɔ Efraim kwaeɛ mu.


Na Filistifoɔ no ba bɛbɔɔ nsraban wɔ Refaim bonhwa mu.


Na Filistifoɔ no sane foro baa bio bɛbɔɔ nsraban wɔ Refaim bonhwa mu.


Na wɔwiee yeinom no, mmapɔmma no baa me nkyɛn sɛ: Israel man ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ntee wɔn ho mfirii nsase so aman sɛ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ, Misraimfoɔ ne Amorifoɔ akyiwadeɛ ho,


Na mɛsoma ɔbɔfoɔ adi w’anim, na matu Kanaanfoɔ, Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no.


Na deɛ ɔnnim na ɔyɛ ahwedeɛ no, wɔbɛhwe no kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, ne nkyɛn na wɔbɛhwehwɛ pii; na deɛ wɔde pii ahyɛ ne nsa no, ɔno na wɔbɛbisa no deɛ ɛboro soɔ.


Na Yosef mma no bɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnam deɛn so na woma me agyapadeɛ ntonto baako ne susuhoma baako? Na me deɛ, meyɛ ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ AWURADE ahyira me de abɛduru sɛsɛɛ.


Na Yosef mma no kaa sɛ: Bepɔ no nso yɛn, nso Kanaanfoɔ a wɔte mpaperɛ mu hɔ nyinaa wɔ dadeɛ nteaseɛnam, wɔn a wɔte Bet-sean ne ɛho nkuro mu ne wɔn a wɔte Yesreel bonhwa no mu nyinaa.


Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔfiri Efraim bepɔ soɔ a wɔfrɛ no Mika.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios