Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 17:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na Yosef mma no bɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnam deɛn so na woma me agyapadeɛ ntonto baako ne susuhoma baako? Na me deɛ, meyɛ ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ AWURADE ahyira me de abɛduru sɛsɛɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na Yosef mma no bɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnam deɛn so na woma me agyapadeɛ ntonto baako ne susuhoma baako? Na me deɛ, meyɛ ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ AWURADE ahyira me de abɛduru sɛsɛɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Yosef asefo baa Yosua nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na woama yɛn asasetaw baako pɛ wɔ bere a Awurade ama yɛn ase adɔ?”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Yosef asefoɔ baa Yosua nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na woama yɛn asaseta baako pɛ wɔ ɛberɛ a Awurade ama yɛn ase adɔre?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na Yosef mma no bɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Efi dɛn so na woma me agyapade ntonto biako ne susuhama biako? Na me de, meyɛ ɔman kɛse, efisɛ AWURADE ahyira me de abedu sesɛɛ.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 17:14
12 Referencias Cruzadas  

Na n’agya ampene, na ɔse: Menim, me ba, menim; ɔno nso bɛyɛ ɔman, na ɔno nso ayɛ kɛse, nanso ne nua kumaa no bɛso asene no, na n’asefoɔ bɛyɛ aman pii.


Na ɛda no ɔhyiraa wɔn sɛ: Wo na Israel de wo bɛhyira sɛ: Onyankopɔn nyɛ wo sɛ Efraim ne Manase. Na ɔde Efraim dii Manase kan.


Na me deɛ, mama wo asase kɛseɛ bi a ɛboro wo nuanom deɛ soɔ a mede me nkrantɛ ne me tadua megyee no Amorifoɔ nsam.


na deɛ ɛdi Manase hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Efraim deɛ, baako;


Isakar abusuakuo deɛ, Yosef ba Igal;


Abusuakuo a ɛso no, ma ne kyɛfa nso, na deɛ ɛsua no, ma ne kyɛfa nsua; sɛdeɛ obiara nnipa a wɔkan wɔn no ano teɛ, na wɔmma no n’agyapadeɛ.


na wɔwarewaree wɔn a wɔfiri Yosef ba Manase mma mmusua mu, na wɔn agyapadeɛ no kaa wɔn agya abusuakuo no mu.


Na Yosef mma Manase ne Efraim nyaa wɔn agyapadeɛ.


Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ woyɛ ɔman kɛseɛ a, foro kɔ kwaeɛ no mu kɔbu hɔ fa, Perisifoɔ ne abrane no asase so, ɛfiri sɛ wonsene Efraim mmepɔ so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios