Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 16:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na Efraimfoɔ no hyeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Wɔn agyapadeɛ hyeɛ ne Atarot-adar apueeɛ de kɔsi atifi wɔ Bet-horon;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na Efraimfoɔ no hyeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Wɔn agyapadeɛ hyeɛ ne Atarot-adar apueeɛ de kɔsi atifi wɔ Bet-horon;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔde saa asase yi maa Efraim mmusua sɛ wɔn agyapade. Wɔn agyapade no hye a ɛwɔ apuei fam no fi Atarot-Adar. Efi hɔ kɔ Bet-Horon Soro,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔde saa asase yi maa Efraim mmusua sɛ wɔn agyapadeɛ. Wɔn agyapadeɛ no ɛhyeɛ a ɛwɔ apueeɛ fam no firi Atarot-Adar. Ɛfiri hɔ kɔ Bet-Horon Soro,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na Efraimfo hye, sɛ wɔn mmusua te, ni: Wɔn agyapade hye ne Atarot-adar apuei de kosi atifi wɔ Bet-horon;

Ver Capítulo Copiar




Yosua 16:5
7 Referencias Cruzadas  

na ɔde no yɛɛ Gilead ne Asurfoɔ ne Yesreel ne Efraim ne Benyamin ne Israel nyinaa so hene.


Na ne babaa ne Seera a ɔkyekyeree anafoɔ ne atifi Bet-horon ne Usen-seera.


Na wɔn agyapadeɛ ne wɔn tenabea ne Betel ne ɛho nkurowa, ne apueeɛ fam Naaran ne atɔeɛ fam Geser ne ɛho nkurowa ne Sekem ne ɛho nkurowa kɔduru Asa ne ɛho nkurowa.


na deɛ ɛdi Manase hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Efraim deɛ, baako;


Na AWURADE tanee wɔn ani Israel anim, na wɔde okunkɛseɛ kunkumm wɔn wɔ Gibeon, na wɔtii wɔn Bet-horon aforoeɛ kwan no so, na wɔkunkumm wɔn de kɔsii Aseka ne Makeda.


na ɛfiri Betel de kɔ Lus, na ɛtwam kɔ Arkifoɔ hyeɛ so wɔ Atarot,


Na ɛhyeɛ no firi hɔ sene fa anafoɔ fam kɔ Lus, wɔ Lus a ɛne Betel no nkyɛn mu, na ɛhyeɛ no siane kɔ Atarot-adar, bepɔ a ɛda anafoɔ Bet-horon anafoɔ fam no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios