Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 15:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na Yefune ba Kaleb deɛ, ɔmaa no kyɛfa, Yudafoɔ no mu sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Yosua no: (Anak agya Arba) kuro a ɛne Hebron.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na Yefune ba Kaleb deɛ, ɔmaa no kyɛfa, Yudafoɔ no mu sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Yosua no: (Anak agya Arba) kuro a ɛne Hebron.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Awurade hyɛɛ Yosua se ɔmfa Yuda asase no bi mma Yefune babarima Kaleb. Enti, wɔde kuropɔn Arba (a ɛyɛ Hebron) a wɔde too Anak tete agya no maa no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Awurade hyɛɛ Yosua sɛ ɔmfa Yuda asase no bi mma Yefune babarima Kaleb. Enti, wɔde kuropɔn Arba (a ɛyɛ Hebron) a wɔde too Anak tete agya no maa no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na Yefune ba Kaleb de, ɔmaa no kyɛfa, Yudafo mu, sɛnea AWURADE hyɛɛ Yosua no: Anak n’agya Arba kurow a ɛne Hebron.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 15:13
18 Referencias Cruzadas  

Na Abram tutuu ne ntomadan, na ɔbɛtenaa Mamre pɔ a ɛwɔ Hebron no ho, na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ.


Na Sara wuu wɔ Kiriat-arba, (ɛne Hebron) a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no. Na Abraham ba bɛsuu Sara abia; ɔsuu no.


Na yei akyiri no Dawid bisaa AWURADE sɛ: Memforo nkɔ Yuda nkuro bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kaa sɛ: Ɛhe na memforo nkɔ? Na ɔse: Hebron.


na kuro no ho mfuo ne ɛho nkuraa no deɛ, wɔde maa Yefune ba Kaleb.


Sora, Ayalon ne Hebron a ɛyɛ Yuda ne Benyamin mu nkuro a ɛyɛ den no.


Na Kaleb dwodwoo ɔman no maa Mose, na ɔkaa sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔforo, na yɛnkɔfa asase no. Na tumi deɛ, yɛbɛtumi wɔn.


Yuda abusuakuo deɛ, Yefune ba Kaleb;


Na Yosua baa berɛ no mu bɛtwitwaa Anakfoɔ no gu firii mmepɔ no so, firii Hebron, Debir, Anab ne Yuda mmepɔ nyinaa ne Israel mmepɔ nyinaa so, na Yosua sɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa pasapasa.


Ɛnna wɔyiyii Kedes wɔ Galilea, Naftali bepɔ so, Sekem wɔ Efraim bepɔ so, ne Kiriat-arba (a ɛne Hebron) wɔ Yuda bepɔ so.


Na wɔde Kiriat-arba, (Anak agya Arba) ne kuro a ɛne Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔ soɔ ne ɛho mmoa adidibea nsase a ɛtwa ho hyia no maa wɔn.


Na Yuda sii mu kɔɔ Kanaanfoɔ a wɔte Hebron no ho, (nso akane no na Hebron din ne Kiriat-arba), na wɔkumm Sesai ne Ahiman ne Talmai.


Na wɔde Hebron maa Keleb, sɛdeɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu Anak mma baasa no firii hɔ.


Na ɔbarima no din de Nabal, na ne yere din de Abigail; na ɔbaa no wɔ adwempa, na ne ho nso yɛ fɛ; na ɔbarima no deɛ, na ɔyɛ den, na ne nneyɛɛ nyɛ; na ɔyɛ Kalebni.


Yɛkɔtuaa Keretifoɔ anafoɔ fam ne deɛ ɛyɛ Yuda dea no ne Kaleb anafoɔ fam, na yɛde ogya hyee Siklag.


ne wɔn a wɔwɔ Hebron, ne mmeammea a Dawid ne ne nnipa kyinkyiniiɛ hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios