Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 13:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 wɔn a wɔte bepɔ no soɔ nyinaa, de firi Lebanon ho de kɔsi Misrefot-maim, Sidonfoɔ nyinaa; me ara, mɛtu wɔn afiri Israelfoɔ no anim; ɛso ntonto nko na twe ma Israel na wɔmfa nni so, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 wɔn a wɔte bepɔ no soɔ nyinaa, de firi Lebanon ho de kɔsi Misrefot-maim, Sidonfoɔ nyinaa; me ara, mɛtu wɔn afiri Israelfoɔ no anim; ɛso ntonto nko na twe ma Israel na wɔmfa nni so, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “Mmepɔw asase a efi Lebanon kosi Misrefot-Maim nyinaa a Sidonfo nsase nyinaa ka ho. Metu saa nnipa no nyinaa afi asase no so na mede ama Israelfo. Enti hwɛ na fa saa asase no ma Israelfo sɛ agyapade sononko sɛnea mahyɛ wo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “Mmepɔ asase a ɛfiri Lebanon kɔsi Misrefot-Maim nyinaa a Sidonfoɔ nsase nyinaa ka ho. Mɛtu saa nnipa no nyinaa afiri asase no so na mede ama Israelfoɔ. Enti hwɛ na fa saa asase no ma Israelfoɔ sɛ agyapadeɛ sononko sɛdeɛ mahyɛ wo no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 wɔn a wote bepɔw no so nyinaa, de fi Lebanon ho de kosi Misrefot-maim, Sidonfo nyinaa; me ara, metu wɔn afi Israelfo anim; ɛso ntonto nko na bɔ ma Israel na wɔmfa nni so, sɛnea mehyɛɛ wo no.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 13:6
13 Referencias Cruzadas  

Wotuu obobe firii Misraim bae, wotutuu amanaman na wobɛtɛe.


Na momfa tontobɔ so nkyɛ asase no mu mma mo mmusuakuo no: Abusuakuo a ɛso no, momma ne kyɛfa nso, na deɛ ɛsua no, momma ne kyɛfa nsua; deɛ obiara tonto bɛbɔ no, ɛhɔ na ɛnyɛ ne deɛ; monnyegye mo kyɛfa sɛdeɛ mo nananom mmusuakuo teɛ.


Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no mu ama ɔman yi.


Na ahemfo yi nkuro nyinaa ne emu ahemfo nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn sɛee wɔn pasapasa, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no.


Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wɔkunkumm wɔn na wɔtaa wɔn de kɔduruu Sidon kɛseɛ ne Misrefot-maim ho ne Mispa bonhwa no mu apueeɛ fam, na wɔkunkum wɔn de kɔsii sɛ wɔannya wɔn odwanefoɔ biara.


Na afei kyɛ asase yi mu na ɛnyɛ mmusuakuo nkron ne Manase abusuakuo fa no agyapadeɛ.


ɛnneɛ monhunu sɛ AWURADE mo Nyankopɔn renkɔ so ntu amanaman yi mfiri mo anim bio, na wɔbɛdanedane mo afidie ne kantankoraa ne mpire, mo mfem, ne nkasɛɛ, mo aniwa mu, akɔsi sɛ mobɛsɛe afiri asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi soɔ.


Monhwɛ, mede ntonto makyɛ amanaman a aka yi ne amanaman a matwitwa aguo no nyinaa mu ama mo, sɛ mo mmusuakuo nni so; ɛfiri Yordan ano kɔduru ɛpo kɛseɛ no ho awia tɔbea.


Na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛsunsum wɔn afiri mo anim na ɔbɛtu wɔn afiri mo anim sɛ monni wɔn asase so, sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios