Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 11:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose hyɛɛ Yosua, na saa ara na Yosua yɛeɛ; wanyi asɛm bi amfiri deɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose hyɛɛ Yosua, na saa ara na Yosua yɛeɛ; wanyi asɛm bi amfiri deɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Sɛnea Awurade hyɛɛ ne somfo Mose no, saa ara na Mose nso hyɛɛ Yosua. Na Yosua nso yɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ no no, dii nea Awurade hyɛɛ Mose no nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ne ɔsomfoɔ Mose no, saa ara na Mose nso hyɛɛ Yosua. Na Yosua nso yɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ no no, dii deɛ Awurade hyɛɛ Mose no nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Sɛnea AWURADE hyɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose hyɛɛ Yosua, na saa ara na Yosua yɛe; wanyi asɛm bi amfi nea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 11:15
24 Referencias Cruzadas  

Na Nyankopɔn nsa baa Yuda nso so, sɛ ɔrema wɔn akoma korɔ sɛ wonni ɔhene ne asafohene no adeɛ a wɔde AWURADE asɛm hyɛeɛ no so.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Moab mpaperɛ so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no sɛ:


ɛnneɛ mompamo asase no sotefoɔ nyinaa mfiri mo anim, na monsɛe wɔn aboɔ ahoni nyinaa, na wɔn ahoni a wɔaguo no, monsɛe ne nyinaa, na monsɛe wɔn nsorɔnsorɔmmea nyinaa.


Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moyi ɛme ne nunum ne tɛtɛ ho ntotosoɔ du du ma, na mogya mmara mu deɛ ɛsom boɔ no, a ɛyɛ atemmuo ne mmɔborɔhunu ne gyidie; yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na monnya nkaeɛ no nso.


Na mo Farisifoɔ, monnue sɛ momma ɛme ne nunum ne fan nyinaa so ntotosoɔ du du, na mogya atemmuo ne Nyankopɔn dɔ hɔ. Yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya deɛ ɛka ho no hɔ.


Na mansi deɛ ɛyɛ mfasoɔ mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo, na mekyerɛkyerɛɛ mo edwam ne afie mu,


ɛfiri sɛ mansi biribiara so, sɛ ebia merenka Nyankopɔn tiri mu agyina nyinaa menkyerɛ mo.


Asɛm a merehyɛ mo nyinaa, monhwɛ nni so; mfa bi nka ho na nyi bi nso mfiri mu.


AWURADE wo Nyankopɔn, ɔno na ɔretwa adi w’anim, ɔno na ɔbɛsɛe amanaman yi afiri w’anim, na woadi wɔn so; Yosua na ɔretwa adi w’anim, sɛdeɛ AWURADE aka no.


Na AWURADE de wɔn bɛhyɛ mo nsa na moayɛ wɔn sɛdeɛ mmara nsɛm a mahyɛ mo no nyinaa teɛ.


Na Mose frɛɛ Yosua, na ɔka kyerɛɛ no Israel nyinaa anim sɛ: Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a AWURADE kaa wɔn nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no soɔ, na wo na wobɛkyɛ ama wɔn.


Mommfa hwee nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, nanso monnyi mu biribi, na moadi AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so.


Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ, sɛdeɛ AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no sɛ monyɛ saa, wɔ asase a morekɔ soɔ akɔfa no so.


na AWURADE wo Nyankopɔn yi wɔn ma wo ma woku wɔn a, ɛnneɛ sɛe wɔn pasapasa; wo ne wɔn mmpam, na nhu wɔn mmɔbɔ;


Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum, na deɛ wobɛkorɔ nyinaa woadi yie.


Na ahemfo yi nkuro nyinaa ne emu ahemfo nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn sɛee wɔn pasapasa, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no.


Na nkuro yi mu asadeɛ nyinaa ne mmoa no deɛ, Israelfoɔ no fom faeɛ; nanso nnipa no deɛ, wɔde nkrantɛ kunkumm wɔn kɔsii sɛ wɔhyee wɔn aseɛ, wɔannya biribiara a ɛhome.


Na Yosua faa asase yi nyinaa, mmepɔ no ne anafoɔ nyinaa ne Gosen asase nyinaa ne ɛpo ho mpaperɛ no ne mpaperɛ so ne Israel mmepɔ ne ɛho asase ta no;


Manu me ho sɛ mede Saulo sii hene, ɛfiri sɛ wasane afiri m’akyi, na wamma me nsɛm annyina. Na ɛyɛɛ Samuel awerɛho, na ɔsu frɛɛ AWURADE anadwo no nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios