Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 10:36 - New Revised Asante Twi Bible

36 Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa foro firii Eglon kɔɔ Hebron, na ɔne wɔn koe.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

36 Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa foro firii Eglon kɔɔ Hebron, na ɔne wɔn koe.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 Wofi Eglon no, wɔkɔtow hyɛɛ Hebron so,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 Wɔfiri Eglon no, wɔkɔto hyɛɛ Hebron so,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

36 Ɛnna Yosua foro fii Eglon kɔɔ Hebron a Israel nyinaa ka ne ho, na ɔne wɔn koe.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 10:36
17 Referencias Cruzadas  

Na Abram tutuu ne ntomadan, na ɔbɛtenaa Mamre pɔ a ɛwɔ Hebron no ho, na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ.


Na yeinom ne nnipa a na wɔamia ama akodie a wɔbaa Dawid nkyɛn Hebron, sɛ wɔbɛdane Saulo ahennie ama no, sɛdeɛ AWURADE asɛm no seɛ no dodoɔ:


ne Sadok, aberanteɛ dɔmmarima katakyie, ne n’agya fie asafohene aduonu mmienu


Sora, Ayalon ne Hebron a ɛyɛ Yuda ne Benyamin mu nkuro a ɛyɛ den no.


Na wɔforo faa nifa fam, na wɔduruu Hebron deɛ Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron deɛ, wɔkyekyeree no mfeɛ nson ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim.)


Na Yerusalemhene Adoni-sedek soma maa wɔkɔɔ Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir nkyɛn sɛ:


Na wɔfae, da no ara, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn ne nnipa a ɛwɔ mu nyinaa; da no ara na ɔsɛee wɔn pasapasa sɛdeɛ ɔyɛɛ Lakis no ara.


Na wɔfae de nkrantɛ ano kunkumm wɔn ne emu hene ne wɔn nkuro no nyinaa ne akra a ɛwɔ mu nyinaa. Wamma obiara anka, sɛdeɛ ɔyɛɛ Eglon no ara, na ɔsɛee ɛno ne akra a ɛwɔ mu nyinaa pasapasa.


Na Amorifoɔ ahemfo baanum boaboaa wɔn ano bae, Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene, wɔne wɔn dɔm nyinaa, na wɔbɛkyeree Gibeon so nsraban sɛ wɔne wɔn rebɛko.


Na Yefune ba Kaleb deɛ, ɔmaa no kyɛfa, Yudafoɔ no mu sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Yosua no: (Anak agya Arba) kuro a ɛne Hebron.


ne Humta ne Kiriat-arba (a ɛne Hebron), ne Sior: Nkuro nkron ne ɛho nkuraa.


Na Ɔsɔfoɔ Aaron mma no, wɔde nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Hebron ne ɛho mmoa adidibea nsase maa wɔn ne Libna ne ɛho mmoa adidibea nsase,


Na Yuda sii mu kɔɔ Kanaanfoɔ a wɔte Hebron no ho, (nso akane no na Hebron din ne Kiriat-arba), na wɔkumm Sesai ne Ahiman ne Talmai.


Na wɔde Hebron maa Keleb, sɛdeɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu Anak mma baasa no firii hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios