Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 10:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 Na AWURADE de ɛno nso hyɛɛ Israel nsa ne emu hene, na ɔde nkrantɛ ano kumm akra a wɔwɔ mu no nyinaa, wamma obiara anka wɔ mu, na ɔyɛɛ ne hene no sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

30 Na AWURADE de ɛno nso hyɛɛ Israel nsa ne emu hene, na ɔde nkrantɛ ano kumm akra a wɔwɔ mu no nyinaa, wamma obiara anka wɔ mu, na ɔyɛɛ ne hene no sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Ɛhɔ nso, Awurade de kuropɔn no ne ɛhɔ hene no maa wɔn. Wokunkum obiara a ɔwɔ kuropɔn no mu a anka ɔteasefo baako po. Na Yosua kum Libnahene sɛnea okum Yerikohene no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Ɛhɔ nso, Awurade de kuropɔn no ne ɛhɔ ɔhene no maa wɔn. Wɔkunkumm obiara a ɔwɔ kuropɔn no mu a anka ɔteasefoɔ fua po. Na Yosua kumm Libnahene sɛdeɛ ɔkumm Yerikohene no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

30 Na AWURADE de ɛno ne emu hene nso hyɛɛ Israel nsa, na ɔde nkrante kunkum akra a wɔwɔ mu nyinaa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ ne hene no sɛnea ɔyɛɛ Yeriko hene no.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 10:30
12 Referencias Cruzadas  

Na Yehu kumm Ahab fie nnipa a wɔkaa wɔ Yesreel no nyinaa ne ne nnipa akɛseɛ ne n’amannifoɔ ne n’asɔfoɔ nyinaa kɔsii sɛ wannya no obiara amma wamfiri mu amfire.


na wɔabrɛ asase no ase AWURADE anim ansa na moasane a, ɛnneɛ na moayɛ mo asɛdeɛ AWURADE ne Israel ho, na asase yi nyɛ mo agyapadeɛ, AWURADE anim.


Na AWURADE yɛn Nyankopɔn de no hyɛɛ yɛn nsa, na yɛkunkum no ne ne mma ne ne man nyinaa.


na AWURADE wo Nyankopɔn yi wɔn ma wo ma woku wɔn a, ɛnneɛ sɛe wɔn pasapasa; wo ne wɔn mmpam, na nhu wɔn mmɔbɔ;


Na Yosua faa Makeda da no ara, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, ne emu hene nso; na ɔsɛee akra a wɔwɔ mu nyinaa pasapasa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ Makeda hene sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no.


Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa twaa mu firii Makeda kɔɔ Libna, na ɔne Libna kɔkoeɛ.


Na Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa twaa mu firii Libna kɔɔ Lakis, na ɔkyeree so nsraban, na ɔne wɔn koe.


Na ahemfo yi nkuro nyinaa ne emu ahemfo nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn sɛee wɔn pasapasa, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no.


Libnahene, Adulamhene,


Na Israel wiee Aifoɔ nyinaa kum wɔ ɛserɛ so petee mu, faako a wɔbɛtii wɔn no, na wɔn nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano kɔsii sɛ wɔsaeɛ no, Israel nyinaa sane kɔɔ Ai de nkrantɛ ano kunkumm wɔn.


Na Ai hene no deɛ, ɔsɛnee no dua so kɔsii anwummerɛ; na owia kɔtɔeɛ no, Yosua hyɛɛ sɛ wɔnkɔyi ne funu no mfiri dua no so, na wɔde no too kuro no pono ano, na wɔhɔree ne so aboɔsie kɛseɛ a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ yi.


Na Gibeonfoɔ tee deɛ Yosua yɛɛ Yeriko ne Ai no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios