Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 10:29 - New Revised Asante Twi Bible

29 Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa twaa mu firii Makeda kɔɔ Libna, na ɔne Libna kɔkoeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

29 Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa twaa mu firii Makeda kɔɔ Libna, na ɔne Libna kɔkoeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 Afei, Yosua ne Israelfo no kɔɔ Libna kɔtow hyɛɛ wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 Afei, Yosua ne Israelfoɔ no kɔɔ Libna kɔto hyɛɛ wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

29 Ɛnna Yosua twaam fii Makeda kɔɔ Libna a Israel nyinaa ka ne ho, na ɔne Libna kɔkoe.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 10:29
14 Referencias Cruzadas  

Na Ɔsɔfoɔ Aaron mma no, wɔde nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Hebron ne ɛho mmoa adidibea nsase maa wɔn ne Libna ne ɛho mmoa adidibea nsase,


Libna ne Eter ne Asan,


Sedekia dii mfeɛ aduonu baako na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dubaako wɔ Yerusalem, na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia ba a ɔfiri Libna.


Na Rabsake no sanee, na ɔkɔtoo Asiriahene sɛ ɔne Libna reko, ɛfiri sɛ na wate sɛ watu afiri Lakis.


Na Edom tee atua firii Yuda nsa ase de bɛsi nnɛ. Ɛnna Libna nso tee atua berɛ no ara mu.


Libnahene, Adulamhene,


Na Yosua faa Makeda da no ara, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, ne emu hene nso; na ɔsɛee akra a wɔwɔ mu nyinaa pasapasa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ Makeda hene sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no.


Na Ai hene no deɛ, ɔsɛnee no dua so kɔsii anwummerɛ; na owia kɔtɔeɛ no, Yosua hyɛɛ sɛ wɔnkɔyi ne funu no mfiri dua no so, na wɔde no too kuro no pono ano, na wɔhɔree ne so aboɔsie kɛseɛ a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ yi.


Na yɛ Ai ne ne hene sɛdeɛ woyɛɛ Yeriko ne ne hene no: Emu asadeɛ ne mmoa nko na momfom mfa. Fa atɛfoɔ ma wɔnkɔtɛ kuro no akyiri mma wo.


Na wɔde nkrantɛ ano sɛee deɛ ɛwɔ kuro no mu nyinaa pasapasa, mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mpanin, anantwie ne nnwan ne mfunumu.


Na wɔtu firii Rimon-peres kɔkyeree nsraban Libna.


Na AWURADE de ɛno nso hyɛɛ Israel nsa ne emu hene, na ɔde nkrantɛ ano kumm akra a wɔwɔ mu no nyinaa, wamma obiara anka wɔ mu, na ɔyɛɛ ne hene no sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no.


Na Rabsake no sanee, na ɔkɔtoo Asiriahene sɛ ɔne Libna reko, na wate sɛ watu afiri Lakis.


Na Edom tee atua firii Yuda ase de bɛsi nnɛ. Ɛno na Libna nso tee atua berɛ no ara mu firii n’aseɛ, ɛfiri sɛ wagya AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios