Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 10:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Na wɔde ahemfo yi firi brɛɛ Yosua no, Yosua frɛɛ Israel mmarima nyinaa bae, na ɔsee mmarima akofoɔ a wɔne no kɔeɛ no asafohene no sɛ: Montwe mpini mfa mo nan mmɛsisi ahemfo yi kɔn so. Na wɔtwe pinii de wɔn nan bɛsisii wɔn kɔn so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

24 Na wɔde ahemfo yi firi brɛɛ Yosua no, Yosua frɛɛ Israel mmarima nyinaa bae, na ɔsee mmarima akofoɔ a wɔne no kɔeɛ no asafohene no sɛ: Montwe mpini mfa mo nan mmɛsisi ahemfo yi kɔn so. Na wɔtwe pinii de wɔn nan bɛsisii wɔn kɔn so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Yosua ka kyerɛɛ nʼakofodɔm asahene no se, “Mommra mmetiatia ahemfo no kɔn so.” Na wɔyɛɛ sɛnea wɔkyerɛɛ wɔn no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Yosua ka kyerɛɛ nʼakodɔm asahene no sɛ, “Mommra mmɛtiatia ahemfo no kɔn so.” Na wɔyɛɛ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wɔn no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 Na wɔde ahene yi fi brɛɛ Yosua no, Yosua frɛɛ Israel mmarima nyinaa bae, na ɔka kyerɛɛ mmarima akofofo a wɔne no kɔe no asafohene no sɛ: Muntwiw mmra mfa mo nan mmesisi ahene yi kɔn so. Na wotwiw bae de wɔn anan besisii wɔn kɔn so.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 10:24
18 Referencias Cruzadas  

na memenee wɔn, na mebobɔɔ wɔn na wɔansɔre, na wɔtotɔe wɔ me nan ase.


Na womaa m’atamfoɔ danee wɔn akyi kyerɛɛ me, wɔn a na wɔkyiri me no, na mesɛee wɔn.


Ɔde animtiabuo gu mmapɔmma so, na ɔma wɔkyini asase fo a ɔkwan nni hɔ so.


AWURADE asɛm a ɔse me wura nie: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.


AWURADE a ɔwɔ wo nifa soɔ no bɛbobɔ ahemfo, n’abufuo da no.


na womaa m’atamfoɔ danee wɔn akyiri kyerɛɛ me, na wɔn a wɔkyiri me no, mesɛee wɔn.


Wobɛnante gyata ne ahuritia so, wobɛtiatia gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so.


Na mede mahyɛ w’ahafoɔ no nsa, wɔn a wɔka kyerɛɛ wo sɛ: Koto, na yɛmfa wo so; na wode w’akyiri too hɔ sɛ fam anaasɛ kwan maa wɔn sɛ wɔmfa so.


na mobɛtiatia abɔnefoɔ so, na wɔbɛyɛ nso mo nan ase, ɛda a mereyɛ no so, asafo AWURADE na ɔseɛ.


na asomdwoeɛ Nyankopɔn no bɛpɛkyɛ Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.


Nhyira ne wo, Israel, hwan na ɔte sɛ woɔ, ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagyeɛ! Ɔyɛ wo mmoa kyɛm, na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrantɛ. W’atamfo bɛwae ama wo, na wo deɛ, wobɛtiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.


Na abɔfoɔ no mu hwan ho na waka pɛn sɛ: Tena me nifa so kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ?


Na ɔka kyerɛɛ n’abakan Yeter sɛ: Sɔre ku wɔn. Nanso abɔfra no antwe ne nkrantɛ, na ɔsuro, ɛfiri sɛ na ɔda so yɛ abɔfra.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios