Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 9:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Ɛnna ɔbua kaa sɛ: Sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni a, mennim; adeɛ baako na menim, sɛ na anka meyɛ onifirani, na afei deɛ mehunu adeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Ɛnna ɔbua kaa sɛ: Sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni a, mennim; adeɛ baako na menim, sɛ na anka meyɛ onifirani, na afei deɛ mehunu adeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Aberante no buaa wɔn se, “Me de, sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni o, sɛ nso ɔyɛ onipa pa o, ɛno de, minnim. Nea minim ara ne sɛ kan no na meyɛ onifuraefo na afei de mihu ade.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Aberanteɛ no buaa wɔn sɛ, “Me deɛ, sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ o, sɛ nso ɔyɛ onipa pa o, ɛno deɛ, mennim. Deɛ menim ara ne sɛ, kane no na meyɛ onifirani na afei deɛ mehunu adeɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Ɛnna obua kae sɛ: Sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo a, minnim; ade biako na minim, sɛ anka meyɛ onifuraefo, na afei de, mihu ade.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 9:25
5 Referencias Cruzadas  

Ɔbuaa wɔn sɛ: Deɛ ɔmaa me ho yɛɛ me den no, ɔno ara na ɔsee me sɛ: Yi wo kɛtɛ, na nante!


Ɛnna wɔfrɛɛ onipa a anka ɔyɛ onifirani no ne mprenu soɔ, na wɔsee no sɛ: Fa animuonyam ma Onyankopɔn! Yɛn deɛ, yɛnim sɛ onipa yi yɛ ɔdebɔneyɛni.


Na wɔsee no sɛ: Ɛdeɛn na ɔyɛɛ woɔ? Ɔbuee w’ani no sɛn?


Onipa no bua see wɔn sɛ: Yei na ɛyɛ nwanwa, sɛ monnim faako a ɔfire, nanso ɔbuee m’ani.


Deɛ ɔgye Nyankopɔn Ba no die no wɔ adanseɛ, ɔno ara ne mu. Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nnie no ama no adane ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ wannye adanseɛ a Onyankopɔn adi wɔ ne Ba ho no anni.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios