Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 8:39 - New Revised Asante Twi Bible

39 Wɔbua see no sɛ: Yɛn agya ne Abraham. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moyɛ Abraham mma a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

39 Wɔbua see no sɛ: Yɛn agya ne Abraham. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moyɛ Abraham mma a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 Nnipa no kae se, “Yɛn agya ne Abraham.” Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ Abraham asefo ampa a anka ne nnwuma a ɔyɛe no bi pɛpɛɛpɛ na mobɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 Nnipa no kaa sɛ, “Yɛn agya ne Abraham.” Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ Abraham asefoɔ ampa a, anka ne nnwuma a ɔyɛeɛ no bi pɛpɛɛpɛ na mobɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

39 Wobua see no sɛ: Yɛn agya ne Abraham. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moyɛ Abraham mma a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma;

Ver Capítulo Copiar




Yohane 8:39
13 Referencias Cruzadas  

Na monnsusu nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.


na moayɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma; ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔtɔ nsuo gu wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene so.


Wɔbuaa no sɛ: Abraham asefoɔ ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehyeɛ?


Menim sɛ moyɛ Abraham asefoɔ; nanso mohwehwɛ me aku me, ɛfiri sɛ m’asɛm nsene mo mu.


Adɛn nti na monte me kasa aseɛ? Ɛfiri sɛ montumi ntie m’asɛm.


Mo agya Abraham ho sanee no sɛ ɔbɛhu me da; na ɔhunui, na n’ani gyee.


na wayɛ twetiafoɔ agya nso, a ɛnyɛ sɛ wɔfiri twetiatwa mu nko, na mmom sɛ wɔtiatia yɛn agya Abraham gyidie a na ɔwɔ, ɛberɛ a na ɔyɛ momonoto no anammɔn mu bi.


Enti ɛfiri gyidie mu, sɛ ɛmfiri adom mu mmra, na bɔhyɛ no atim ama n’asefoɔ no nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔfiri mmara mu no nko, (na mmom wɔn a wɔfiri Abraham a ɔyɛ yɛn nyinaa agya, gyidie mu no nso bi,


nanso ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefoɔ nti, wɔn nyinaa yɛ Abraham mma, na mmom: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ.


Na sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ na moyɛ Abraham asefoɔ, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifoɔ.


saa ara nso na monhunu sɛ wɔn a wɔfiri gyidie mu no, wɔn ara ne Abraham mma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios