Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 7:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Nanso oyi deɛ, yɛnim deɛ ɔfire; na Kristo no deɛ, sɛ ɔba a, obi renhunu deɛ ɔfire.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 Nanso oyi deɛ, yɛnim deɛ ɔfire; na Kristo no deɛ, sɛ ɔba a, obi renhunu deɛ ɔfire.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Yenim sɛ Agyenkwa no nya ba a, obiara rentumi nkyerɛ faako a ofi bae nanso saa onipa yi de, yenim faako a ofi.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Yɛnim sɛ Agyenkwa no nya ba a, obiara rentumi nkyerɛ faako a ɔfiri baeɛ, nanso saa onipa yi deɛ, yɛnim faako a ɔfiri.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Nanso oyi de, yenim nea ofi; na Kristo no de, sɛ ɔba a, obi renhu nea ofi.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 7:27
14 Referencias Cruzadas  

Na duforɔ bi bɛfifiri afiri Yisai dunsini no mu, na duban afiri ne nhini mu aso aba.


Wɔde ahodwan ne atemmuo yii no kɔe; ne berɛsofoɔ nso, hwan na ɔdwenee ho sɛ wɔahwim no afiri ateasefoɔ asase so korɔ, na me man mmarato nti na wɔbobɔɔ no?


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma tenenee Duban bi so mama Dawid, na ɔbɛdi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntenenee ayɛ ade tenenee asase no so.


Na wɔn hene bɛfiri wɔn ara wɔn mu, na wɔn sodifoɔ nso afiri wɔn mu, na mɛma no atwe apini, na ɔbɛbɛn me, na hwan ne deɛ ɔbɛsi ne bo sɛ ɔbɛbɛn me? AWURADE asɛm nie.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no; na n’ase firi tete nteredee, firi daa a ɛnni ase nna mu.


Ɛnyɛ duadwumfoɔ yi a ɔyɛ Maria ba no, Yakobo ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no nie? Na ɛnyɛ ne nuammaa na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn.


Na wɔn nyinaa dii no adanseɛ, na adom nsɛm a ɛfiri n’anomu no yɛɛ wɔn nwanwa, na wɔbisaa sɛ: Ɛnyɛ Yosef ba no ni anaa?


na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ oyi ne Yesu, Yosef ba a yɛnim n’agya ne ne na no? Ɛyɛɛ dɛn na afei ɔse: Masiane mafiri soro maba?


Na ɛyɛɛ Yudafoɔ no nwanwa, na wɔse: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nwoma pɛn, na ɔnim yi?


Yɛnim sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose; na oyi deɛ, yɛnnim faako a ɔfire.


N’ahobrɛaseɛ mu wɔbuu no ntɛnkyea. N’abusua nso hwan na ɔbɛtumi akyerɛ? Ɛfiri sɛ wɔyii ne nkwa firii asase so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios