Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 6:66 - New Revised Asante Twi Bible

66 Ɛfiri ɛno soɔ no, n’asuafoɔ mu pii sanee wɔn akyiri, na wɔne no annante bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

66 Ɛfiri ɛno soɔ no, n’asuafoɔ mu pii sanee wɔn akyiri, na wɔne no annante bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

66 Esiane saa nsɛm a Yesu kae no nti, nʼakyidifo no mu pii twee wɔn ho fii ne ho na wɔanni nʼakyi bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

66 Esiane saa nsɛm a Yesu kaeɛ no enti, nʼakyidifoɔ no mu pii twee wɔn ho firii ne ho na wɔanni nʼakyi bio.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

66 Efi ɛno so no, n’asuafo mu pii san wɔn akyi, na wɔne no annantew bio.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 6:66
17 Referencias Cruzadas  

ne wɔn a wɔsane firi AWURADE akyi ne wɔn a wɔnhwehwɛɛ AWURADE na wɔmmisaa n’akyiri kwan no.


Aberanteɛ no tee asɛm yi no, ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ; ɛfiri sɛ na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree.


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Obiara a ɔde ne nsa kɔsɔ funtumdadeɛ mu na ɔhwɛ n’akyire no mfata Nyankopɔn ahennie no mu.


Na wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafoɔ nso baa ayeforɔ no ase.


Enti n’asuafoɔ no mu pii teeɛ no, wɔkaa sɛ: Asɛm yi yɛ den, hwan na ɔbɛtumi atie?


Na mo mu binom wɔ hɔ a wɔnnye nnie. Na Yesu nim wɔn a wɔnnye nnie no firi mfitiaseɛ, ne deɛ ɔbɛyi no ama no.


Ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Firi ha kɔ Yudea, na w’asuafoɔ nso nhunu wo nnwuma a woyɛ no.


Ɛnna Yesu see Yudafoɔ a wɔagye no adie no sɛ: Sɛ motena m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafoɔ ampa;


Wonim yei, sɛ wɔn a wɔwɔ Asia nyinaa adane afiri me nkyɛn, wɔn mu bi ne Figelo, ne Hermogene.


Ɛfiri sɛ Dema apɛ seesei wiase agya me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia.


Na deɛ ɔtene no firi gyidie mu bɛnya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.


Wɔfiri yɛn mu na ɛkɔeɛ deɛ, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios