Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 6:45 - New Revised Asante Twi Bible

45 Wɔatwerɛ no adiyifoɔ no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afiri Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

45 Wɔatwerɛ no adiyifoɔ no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afiri Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

45 Adiyifo no akyerɛw se, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno nti, obiara a otie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

45 Adiyifoɔ no twerɛɛ sɛ, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno enti, obiara a ɔtie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

45 Wɔakyerɛw adiyifo no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afi Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 6:45
24 Referencias Cruzadas  

Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so: Na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.


Na wo mma nyinaa bɛyɛ AWURADE asuafoɔ, na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.


Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so; na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.


M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!


Sɛdeɛ wɔatwerɛ no wɔ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan.


sɛdeɛ ɔde n’adiyifoɔ kronkron a wɔwɔ hɔ firi teteete no ano kaeɛ no,


Na ɔfaa dummienu no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na nnoɔma a adiyifoɔ no atwerɛ afa onipa ba no ho nyinaa bɛba mu.


Me nnwan tie me nne, na me nso menim wɔn, na wɔdi m’akyi;


Wɔn a Agya no de wɔn ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na deɛ ɔba me nkyɛn no, merento no ntwene da,


Na ɔkaa sɛ: Yei nti na maka makyerɛ mo sɛ: Obiara ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ Agya no de ama no ansa.


Enti monhwɛ yie, na asɛm a wɔaka no adiyifoɔ mu no amma mo so sɛ:


Na Onyankopɔn yii n’ani, na ɔde wɔn maa sɛ wɔnsom ɔsoro asafo, sɛdeɛ wɔatwerɛ adiyifoɔ nwoma no mu sɛ: Israel fiefoɔ, mode mmoa ne nnuane bɔɔ afɔdeɛ maa me mfirinhyia aduanan ɛserɛ so anaa?


Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, animuonyam Agya no, mma mo nyansa ne adiyie honhom wɔ ne ho nimdeɛ mu,


Enti momma yɛn mu dodoɔ a yɛyɛ pɛ no nnwene saa; na sɛ biribi wɔ hɔ a modwene no foforɔ a, ɛno nso Onyankopɔn bɛyi no adi akyerɛ mo.


Na onuadɔ ho deɛ, ɛnhia mo sɛ wɔtwerɛ brɛ mo, ɛfiri sɛ mo ara na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho;


Yei ne apam a nna no akyi me ne wɔn bɛpam no, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akoma mu, na matwerɛ wɔ wɔn adwene mu


Na mo deɛ, ngosra a monyaa no ne nsa mu no te mo mu, enti ɛnhia mo sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; na mmom sɛdeɛ ngosra no ara kyerɛkyerɛ mo ade nyinaa ho no na ɛyɛ nokorɛ, na ɛnyɛ atorɔ. Na sɛdeɛ akyerɛkyerɛ mo no, montena ne mu!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios