Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 6:33 - New Revised Asante Twi Bible

33 Na Nyankopɔn paanoo ne deɛ ɔsiane firi soro ba na ɔma wiase nkwa no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

33 Na Nyankopɔn paanoo ne deɛ ɔsiane firi soro ba na ɔma wiase nkwa no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

33 Saa aduan a efi Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ofi ɔsoro ba asase so na ɔde nkwa brɛ wiase no.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

33 Saa aduane a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ɔfiri ɔsoro ba asase so na ɔde nkwa brɛ ewiase no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

33 Na Onyankopɔn abodoo ne nea osian fi soro ba na ɔma wiase nkwa no.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 6:33
13 Referencias Cruzadas  

Na Yesu nim sɛ Agya no de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ɔfirii Nyankopɔn nkyɛn, na ɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn nti,


Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefiri wiase na makɔ Agya no nkyɛn.


ɛfiri sɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahunu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


Na obi mforo nkɔɔ ɔsoro, gye deɛ ɔfiri ɔsoro sianeeɛ no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo paanoo a ɛfiri soro no, na mmom m’agya na ɔma mo nokorɛ paanoo a ɛfiri soro no.


ɛfiri sɛ mesiane mefiri soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ deɛ me ara mepɛ, na mmom deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ.


Ɛnna Yudafoɔ no nwiinwii ne ho sɛ waka sɛ: Mene paanoo a ɛsiane firii soro no,


Mene nkwa paanoo no.


yei ne paanoo a ɛsiane firi soro ba, sɛ onipa nni bi, na wanwu.


Yei ne paanoo a ɛfiri soro siane baeɛ no, ɛnte sɛ deɛ mo agyanom diiɛ, na wɔwuwuiɛ no; deɛ ɔdi paanoo yi bɛtena ase daa.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ mo Agya ne Onyankopɔn a, anka mobɛdɔ me; na me deɛ, mefiri Nyankopɔn mu na mebaeɛ. Nanso ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebaeɛ, na ɔno na ɔsomaa me.


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ a me na medi wɔn mu kan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios