Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 6:31 - New Revised Asante Twi Bible

31 Yɛn agyanom dii mana ɛserɛ so, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔmaa wɔn paanoo firi soro dii.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

31 Yɛn agyanom dii mana ɛserɛ so, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔmaa wɔn paanoo firi soro dii.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

31 Sɛ wopɛ sɛ yegye wo di sɛ wone Agyenkwa no de a, ɛno de ma yɛn aduan nni daa sɛnea Kyerɛwsɛm no di ho adanse sɛ, Mose maa yɛn nenanom ɔsoro aduan dii wɔ sare no so.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

31 Sɛ wopɛ sɛ yɛgye wo di sɛ wone Agyenkwa no deɛ a, ɛnneɛ ma yɛn aduane nni daa sɛdeɛ Atwerɛsɛm no di ho adanseɛ sɛ, Mose maa yɛn nananom ɔsoro aduane dii wɔ ɛserɛ so no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

31 Yɛn agyanom dii mana sare so, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔmaa wɔn abodoo fi soro dii.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 6:31
14 Referencias Cruzadas  

Na wode ɔsoro aduane maa wɔn de kumm wɔn kɔm, na woyii nsuo firii ɔbotan mu maa wɔn de kumm wɔn sukɔm, na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra mmɛdi asase a wokaa wɔn ntam sɛ wode bɛma wɔn no so.


Na wode wo Honhom pa no nso maa sɛ ɔnkyerɛ wɔn nyansa, na wo mana nso woamma no ampa wɔn ano, na nsuo nso womaa wɔn de kumm wɔn sukɔm.


Wɔbisae, na ɔde mmoko bae, na ɔde ɔsoro aduane maa wɔmee.


Na Israelfoɔ dii mana mfirinhyia aduanan de kɔsii sɛ wɔduruu asase bi a nkurɔfoɔ bi te soɔ so; wɔdii mana de kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan asase no hyeɛ soɔ.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo paanoo a ɛfiri soro no, na mmom m’agya na ɔma mo nokorɛ paanoo a ɛfiri soro no.


Mo agyanom dii mana ɛserɛ so, na wɔwuwuiɛ;


Yei ne paanoo a ɛfiri soro siane baeɛ no, ɛnte sɛ deɛ mo agyanom diiɛ, na wɔwuwuiɛ no; deɛ ɔdi paanoo yi bɛtena ase daa.


na wɔn nyinaa dii honhom fam aduane korɔ,


Na ɔbrɛɛ wo ase maa ɛkɔm dee wo, na ɔde mana a wonnim na wo nananom nso nnim maa wo diiɛ, na wama woahunu sɛ, ɛnyɛ aduane nko so na onipa nam bɛtena aseɛ, na adeɛ biara a ɛfiri AWURADE anomu so na onipa nam tena aseɛ.


Na mana no to twae firi da a wɔdii asase no so aduane no, adeɛ kyeeɛ, na Israelfoɔ no annya mana bio, na wɔdii Kanaan asase no so nnɔbaeɛ afe no ara mu.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no mana a ahunta no bi adi, na mɛma no ɔboɔ fitaa, na ɔboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ bi a obiara nnim, sɛ deɛ ɔnya no nko.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios