Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 6:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Monnyɛ aduane a ɛsɛeɛ ho adwuma, na mmom aduane a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Nyankopɔn asɔ no ano.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 Monnyɛ aduane a ɛsɛeɛ ho adwuma, na mmom aduane a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Nyankopɔn asɔ no ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Monnsɛe mo bere nyinaa mpere nhwehwɛ aduan a etumi sɛe no akyi kwan, na mmom mompere nhwehwɛ aduan a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a enni awiei a Onipa Ba no de bɛma mo no akyi kwan. Efisɛ eyi nti na mʼAgya somaa me.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Monnsɛe mo berɛ nyinaa mmpere nhwehwɛ aduane a ɛtumi sɛe no akyiri kwan, na mmom, mompere nhwehwɛ aduane a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ a Onipa Ba no de bɛma mo no akyiri kwan. Ɛfiri sɛ, yei enti na mʼAgya somaa me.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom aduan a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Onyankopɔn asɔ no ano.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 6:27
69 Referencias Cruzadas  

Na mɛka no deɛ AWURADE ahyɛ no. AWURADE ase me sɛ: Me ba ne wo, ɛnnɛ na mawo woɔ.


Ɛnna mekaa sɛ: Hwɛ, mereba, wɔatwerɛ me ho asɛm nwoma mmobɔeɛ no mu.


Mommra mmɛdi m’aduane no bi, na monnom me nsa a mafra no bi.


Onipa brɛ nyinaa, ɔbrɛ ma n’ano, nanso n’akɔnnɔ mmee no da.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie, deɛ mayi no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu ne so; ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu.


Adɛn na mokari sika gye deɛ ɛnyɛ aduane, ne mo brɛ so adeɛ tɔ deɛ ɛmmee mo? Montie me ɛ, monni nnepa, na sradeduane nyɛ mo kra dɛ.


Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduane, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛ ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, O AWURADE, asafo Nyankopɔn.


Hwɛ, ɛmfiri asafo AWURADE nkyɛn sɛ aman yɛ adwuma brɛ ma ogya, na nkurɔfoɔ brɛ ma ade hunu?


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!


Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ahoyera mu; na nnipa tenenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.


Monnhyehyɛ agyapadeɛ asase so, faako a nweweboaa ne nnaakyen sɛe no, na awifoɔ bubu kɔwia.


Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.


Na ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani!


Na mununkum bi ba bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba, montie no!


na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ aburuburo baa ne so, na ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.


Na ɛnne bi firii mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me ba a mayi no, montie no!


na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhwim wɔn mfiri me nsam da.


Na me deɛ, menim sɛ wotie me daa; na nkurɔfokuo a wɔgyina hɔ no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


Yesu see no sɛ: Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ da wɔ wɔn mu a, anka wɔnni bɔne; na afei deɛ, wɔahunu, nanso wɔatane me ne m’Agya.


sɛdeɛ womaa no honam nyinaa so tumi, sɛ adeɛ biara a wɔde ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.


na obiara a ɔgye no die no anya daa nkwa.


Deɛ ɔgye n’adanseɛ no asi agyinae sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ.


Na yei ne m’Agya no apɛdeɛ, sɛ obiara a ɔhunu Ɔba no na ɔgye no die no nnya daa nkwa; na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye die no wɔ daa nkwa.


Mene paanoo a nkwa wɔ mu a mesiane mefirii soro mebaeɛ no; sɛ obi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa no ne me honam.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Sɛ moanni Onipa Ba no honam, na moannom ne mogya a, monni nkwa mo mu.


Deɛ ɔdi me honam na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.


Yei ne paanoo a ɛfiri soro siane baeɛ no, ɛnte sɛ deɛ mo agyanom diiɛ, na wɔwuwuiɛ no; deɛ ɔdi paanoo yi bɛtena ase daa.


Na afei, sɛ mohunu Onipa Ba no sɛ ɔrekɔ soro, faako a ɔwɔ kane no nso ɛ?


Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkorɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm;


Me na medi me ho adanseɛ, na Agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanseɛ.


Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no,


Na ɔnyaa twetiatwa nsɛnkyerɛnneɛ sɛ ne momonotoyɛ mu gyidie a ɔde nyaa tenenee no nsɔano, na wayɛ momonotoyɛ mu gyidifoɔ nyinaa agya, na wɔabu tenenee no ama wɔn nso,


Na bɔne akatua ne owuo; na Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.


Aduane yɛ yafunu dea, na yafunu nso yɛ aduane dea; na Onyankopɔn bɛma ne mmienu ayɛ kwa. Na nipadua nyɛ adwamammɔ dea, na ɛyɛ Awurade dea, na Awurade yɛ nipadua dea.


Sɛ menyɛ ɔsomafoɔ mma ebinom a, mo deɛ meyɛ ɔsomafoɔ ma mo; ɛfiri sɛ me somafoyɛ nsɔano ne mo, Awurade mu.


na yɛnhwɛ nnoɔma a wɔhunu, na mmom yɛhwɛ nnoɔma a wɔnhunu; ɛfiri sɛ nnoɔma a wɔhunu no nkyɛ na atwa mu; na nnoɔma a wɔnhunu no na ɛtena hɔ daa.


Ɛfiri sɛ Kristo Yesu mu deɛ, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidie a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


Na ɛnni po agya nso na woaka sɛ: Hwan na ɔbɛtwa po ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?


na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma wɔ mo mu, na monya ɔpɛ ma moyɛ adwuma nyinaa sɛdeɛ ɛbɛsɔ n’ani.


Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na medi aperepereɛ, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ no me mu tumi soɔ no teɛ.


Saa nnoɔma yi nyinaa yɛ deɛ ɛkyerɛ nnoɔma hunu wɔ nnipa ahyɛdeɛ ne nkyerɛkyerɛ famu nko.


Monnwene deɛ ɛwɔ soro, na ɛnyɛ deɛ ɛwɔ asase soɔ.


na daa yɛkae mo gyidie adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidasoɔ mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim.


Nanso Nyankopɔn nnyinasoɔ tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ; ɛne: Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfiri deɛ ɛntene ho.


na obi anyɛ odwamamfoɔ anaa ohuhuni sɛ Esau a ɔtɔnee n’abakan gyee aduane korɔ.


Enti momma yɛmmɔ mmɔden nhyɛne ɔhome no mu, na obi anhwe ase anyɛ asoɔden korɔ no ara ho nhwɛsoɔ.


Na owia de ne hyehyeɛ firi, na ɛhye wira no a, na ne nhwiren apo, na n’ahoɔfɛ asɛe; saa ara na ɔdefoɔ nso bɛkusa wɔ n’akwan soɔ.


Ɛfiri sɛ honam nyinaa te sɛ wira, na onipa animuonyam nyinaa te sɛ wira nhwiren. Wira hye, na ne nhwiren po;


Na ɔnyaa anidie ne animuonyam firii Agya Nyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi firii animuonyam a ɛsɛ ɔkɛseɛ no, baa ne so sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios