Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 5:35 - New Revised Asante Twi Bible

35 Ɔno ne kanea a ɛdɛre na ɛhyerɛn; na mo deɛ, mopɛɛ sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

35 Ɔno ne kanea a ɛdɛre na ɛhyerɛn; na mo deɛ, mopɛɛ sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

35 Yohane nsɛm a ɔkae yɛ kanea a wɔasɔ na ɛhyerɛn, na ɛmaa mo ani gyei.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

35 Yohane nsɛm a ɔkaeɛ yɛ kanea a wɔasɔ na ɛhyerɛn, na ɛmaa mo ani gyeeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

35 Ɔno ne kanea a ɛdɛw na ɛhyerɛn; na mo de, mopɛe sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 5:35
18 Referencias Cruzadas  

Na Seruia ba Abisai boaa no, na Dawid bɔɔ Filistini no kumm no. Ɛno na Dawid mmarima no kaa ntam sɛ: Wo ne yɛn remfiri nnkɔ ɔsa bio, na wɔannum Israel kanea.


Na sɛ Israelfoɔ no hunu Mose anim sɛ n’anim wedeɛ no ahyerɛn; na Mose de nkatanimu no sane kata n’anim kɔsi sɛ ɔkɔ mu ne no kɔkasa.


Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛdeɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔatie wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anomu adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredie; wɔn akoma di wɔn mfasoɔ akyi.


Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛdeɛ ewiem hyerɛn, na wɔn a wɔdane nnipa bebree kɔɔ tenenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa daapem.


Nokorɛ mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsene Yohane suboni; nanso deɛ ɔyɛ ketewa koraa wɔ ɔsoro ahennie mu no yɛ kɛseɛ sene no.


Na sɛ yɛka sɛ ɛfiri nnipa a, yɛsuro nkurɔfokuo no; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ.


Na Yuda asase sofoɔ nyinaa ne Yerusalemfoɔ firi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn nyinaa asu, Asubɔnten Yordan mu.


Na Herode suro Yohane, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ɔyɛ onipa tenenee ne kronkron; na ɔbɔɔ ne ho ban, na ɔretie no a, ne ho yera no pii, nanso ɔde anigyeɛ tiee no.


Mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn no mu biara nyɛ kɛse nsene Yohane; nanso deɛ ɔyɛ akumaa Nyankopɔn ahennie mu no, yɛ kɛseɛ sene no.


Ɛfiri ɛno soɔ no, n’asuafoɔ mu pii sanee wɔn akyiri, na wɔne no annante bio.


Nanso yɛwɔ adiyifoɔ asɛm a ɛgyina hɔ pintinn kyɛne saa, ɛno na sɛ mohwɛ no yie sɛ kanea a ɛhran baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kɔsi sɛ adeɛ bɛkye na adekyeeɛ nsoromma no apue mo akoma mu a, moyɛ no yie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios