Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 3:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Yesu buaa sɛ: Mereka no nokorɛ mu pefee akyerɛ wo sɛ: Wɔamfiri nsuo ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛne Nyankopɔn ahennie mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Yesu buaa sɛ: Mereka no nokorɛ mu pefee akyerɛ wo sɛ: Wɔamfiri nsuo ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛne Nyankopɔn ahennie mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yesu nso buaa no se, “Mereka nokware akyerɛ wo se sɛ wɔamfi nsu ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yesu nso buaa no sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ wo, sɛ wɔamfiri nsuo ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Yesu buae sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛn Onyankopɔn ahenni mu.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 3:5
35 Referencias Cruzadas  

na ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, moannane na moanyɛ sɛ mmɔfra a, morentumi nhyɛne ɔsoro ahennie no mu.


Na bio mese mo sɛ, ɛyɛ mmerɛ ma yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ tokuro mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Wɔn baanu yi mu hwan na ɔyɛɛ deɛ n’agya pɛ? Na wɔse: Deɛ ɔdi kan no. Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, togyefoɔ ne nnwamamfoɔ redi mo anim akɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafoɔ, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,


Me deɛ, mebɔ mo asu wɔ nsuo mu kɔ adwensakyera mu, na deɛ ɔdi m’akyi reba no deɛ, ɔkorɔn kyɛn me; na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.


Na mese mo sɛ, sɛ mo tenenee ammoro Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no deɛ so a, morennya ɔsoro ahennie mu nhyɛne.


Na Yesu hunuiɛ no, anyɛ no abodwo, na ɔsee wɔn sɛ: Momma mmɔfra no kwan, na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan, na yeinom sɛɛ na Nyankopɔn ahennie no yɛ wɔn dea.


Deɛ ɔgye die, na wɔbɔ no asu no wɔbɛgye no nkwa, na deɛ ɔnnye nnie no, wɔbɛbu no fɔ.


Na sɛ w’ani to wo suntidua a, tu! Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu sene sɛ wowɔ ani mmienu, na wɔde wo bɛto amanehunu kurom,


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mompere nhyɛne ɛpono teateaa no mu! Na mese mo sɛ: Nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛne, na wɔrentumi.


Mese mo sɛ: Ɛnte saa, na mmom sɛ moansakyera mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.


Mese mo sɛ: Ɛnte saa, na mmom sɛ moansakyera mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.


a ɛmfiri mogya anaasɛ deɛ ɔhonam pɛ anaasɛ deɛ ɔbarima pɛ mu, na mmom ɛfiri Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.


Yesu bua see no sɛ: Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforɔ a, ɔrentumi nhunu Nyankopɔn ahennie no.


Nikodemo see no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa a wanyini no, wɔbɛtumi awo no? Ɔbɛtumi akɔ ne na yam bio na wɔawo no anaa?


Na Petro see wɔn sɛ: Monsakyera mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu, mma mo bɔne fakyɛ, na mobɛnya Honhom Kronkron akyɛdeɛ no.


Enti monsakyera mo adwene, na monnane mo ho, na wɔapepa mo bɔne,


Na Nyankopɔn ahennie nyɛ adidie ne ɔnom, na mmom ɛyɛ tenenee ne asomdwoeɛ ne Honhom Kronkron mu anigyeɛ.


Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afiri bɔne ne owuo mmara no mu.


Anuanom, deɛ mereka ne sɛ: Honam ne mogya ntumi nnya Nyankopɔn ahennie, na deɛ ɛporɔ no nso ntumi nnye deɛ ɛmporɔ.


Na yɛn deɛ, ɛnyɛ wiase honhom na yɛnyaeɛ, na mmom honhom a ɔfiri Nyankopɔn mu, na yɛahunu deɛ Onyankopɔn de adom yɛn kwa no.


Saa na anka mo mu bi teɛ; na afei wɔadware mo, na wɔate mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


Na twetiatwa nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom abɔdeɛ foforɔ.


sɛ ɔde nsuo adwareɛ bɛte ne ho wɔ asɛm no mu, ayɛ no kronkron,


sɛdeɛ Agya Nyankopɔn nim a ɔnim dada no teɛ no, wɔ honhom ahoteɛ mu, de kɔ asoɔmmerɛ ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoeɛ mmorosoɔ nka mo.


Ɛno na afei ne nsɛsoɔ a ɛno ne asubɔ no, gye mo nso nkwa, a ɛnyɛ honam ho fi yi mu, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔreɛ nti yɛnam so yɛ Nyankopɔn deɛ.


Sɛ monim sɛ ɔyɛ ɔteneneeni a, anka mobɛhunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no, ɔno na Onyankopɔn awo no.


Obiara a ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ ɔwofoɔ no, ɔdɔ deɛ ɔwoo no no nso.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios