Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 3:35 - New Revised Asante Twi Bible

35 Agya no dɔ Ɔba no, na ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

35 Agya no dɔ Ɔba no, na ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

35 Agya no dɔ ne Ba no nti ɔde biribiara so tumi ahyɛ ne nsa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

35 Agya no dɔ ne Ba no enti ɔde biribiara so tumi ahyɛ ne nsa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

35 Agya no dɔ Ɔba no, na ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 3:35
25 Referencias Cruzadas  

Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Mene Farao, na obiara renkwati wo nyɛ biribiara wɔ Misraim asase nyinaa so.


Na ɛberɛ a ɛkɔm kaa Misraim asase nyinaa no, na ɔman no kɔsu kɔm kyerɛ Farao. Na Farao ka kyerɛɛ Misraim nyinaa sɛ: Monkɔ Yosef nkyɛn, deɛ ɔbɛka akyerɛ mo no, monyɛ.


Bisa me, na mede amanaman bɛyɛ wo apɛgyadeɛ, na mama woafa asase ano nohoa adi so


na mewɔ ne nkyɛn sɛ ne dwumfoɔ panin, na meyɛ n’adɔdeɛ daa daa. Na m’ani gye n’anim berɛ nyinaa mu,


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie, deɛ mayi no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu ne so; ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu.


Na ɔno na wɔde tumi ne animuonyam ne ahennie maa no maa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahennie yɛ deɛ ɛrensɛe da.


M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!


Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.


M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obi nnim deɛ Ɔba no yɛ, gye Agya no. Nanso obi nnim deɛ Agya no yɛ, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.


Na Yesu nim sɛ Agya no de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ɔfirii Nyankopɔn nkyɛn, na ɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn nti,


Sɛdeɛ Agya no adɔ me no, na me nso madɔ mo; montena me dɔ mu!


sɛdeɛ womaa no honam nyinaa so tumi, sɛ adeɛ biara a wɔde ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.


Mewɔ wɔn mu, na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahunu sɛ, wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no.


na mayi wo din makyerɛ wɔn, na mɛyi makyerɛ. Na ɔdɔ a wode dɔ me no atena wɔn mu, na matena wɔn mu.


Na Agya no dɔ Ɔba no, na ɔkyerɛ no deɛ ɔno ara yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛseɛ a ɛsene yeinom, na ayɛ mo nwanwa.


Na Agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmuo nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa,


Na ɔde nnoɔma nyinaa agu ne nan ase. Na sɛ ɔka sɛ ɔde nnoɔma nyinaa agu ne nan ase a, emu da hɔ pefee sɛ deɛ ɔde nnoɔma nyinaa guu ne nan ase no nka ho.


Na ɔde ade nyinaa ahyɛ ne nan ase na ɔde no ayɛ nnoɔma nyinaa so tire ama asafo


nna a ɛdi akyire yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nnoɔma nyinaa ɔdedifoɔ, a ɔnam ne so nso abɔ wiase nyinaa.


Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Nyankopɔn nifa, na abɔfoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios