Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 21:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔsee wɔn sɛ: Momfa asau no ngu kodoɔ no nifa, na mobɛnya bi. Ɛnna wɔguiɛ, na mpataa no dodoɔ nti, na wɔntumi ntwe asau no bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔsee wɔn sɛ: Momfa asau no ngu kodoɔ no nifa, na mobɛnya bi. Ɛnna wɔguiɛ, na mpataa no dodoɔ nti, na wɔntumi ntwe asau no bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mungu mo asau no wɔ nifa fam na mubeyi nam.” Woguu asau no sɛnea ɔkae no. Nam yɛɛ asau no ma sɛɛ tɔ a na wɔtwe a ɛntwe.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mongu mo asau no wɔ nifa fam na mobɛyi nam.” Wɔguu asau no sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Nam yɛɛ asau no ma sei tɔ a na wɔtwe a ɛntwe.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na osee wɔn sɛ: Momfa asawu no ngu ɔkorow no nifa, na mubenya bi. Ɛnna wogui, na mpataa no dodow nti, na wontumi ntwe asau no bio.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 21:6
8 Referencias Cruzadas  

ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa, mmoa a ɛnam ɛpo mu akwan soɔ.


Na apofofoɔ bɛgyina ɛpo no so, ɛfiri En-gedi kɔsi En-eglaim bɛyɛ asau hatabea. Emu mpataa bɛyɛ ahodoɔ, sɛ ɛpo kɛseɛ mu nam bebree pa ara.


Na osu kɛseɛ tɔe, na nsuo yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ɛbui, na ɛbubuu pasapasa.


Na ne na see asomfoɔ no sɛ: Biribiara a ɔbɛse mo no, monyɛ!


Ɛnna wɔn a wɔgyee n’asɛm no maa wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho.


Nso wɔn a wɔtee asɛm no mu bebree gye diiɛ, na nnipa no dodoɔ bɛyɛ mpemnum.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios