Yohane 20:15 - New Revised Asante Twi Bible15 Yesu see no sɛ: Ɔbaa, adɛn na woresu? Worehwehwɛ hwan? Na ɔno deɛ, ɔsusuu sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfoɔ nti, ɔsee no sɛ: Owura, sɛ woafa no afiri ha a, kyerɛ me faako a wode no akɔtoɔ, na menkɔfa no! Ver CapítuloTwerɛ Kronkron15 Yesu see no sɛ: Ɔbaa, adɛn na woresu? Worehwehwɛ hwan? Na ɔno deɛ, ɔsusuu sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfoɔ nti, ɔsee no sɛ: Owura, sɛ woafa no afiri ha a, kyerɛ me faako a wode no akɔtoɔ, na menkɔfa no! Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm15 Yesu bisaa no se, “Ɔbea, adɛn nti na woresu sɛɛ yi? Hena na worehwehwɛ no?” Na Maria de, osusuw sɛ ɛyɛ turo mu hɔ hwɛfo nti obisaa no se, “Owura, sɛ wo na wofaa no fii ha a, mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wode no akɔto na menkɔfa no.” Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm15 Yesu bisaa no sɛ, “Ɔbaa, adɛn enti na woresu sɛɛ yi? Hwan na worehwehwɛ no?” Na Maria deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfoɔ enti, ɔbisaa no sɛ, “Owura, sɛ wo na wofaa no firii ha a, mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wode no akɔto na menkɔfa no.” Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON15 Yesu see no sɛ: Ɔbea, adɛn na woresu? Wohwehwɛ hena? Na ɔno de, osusuwii sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfo nti, osee no sɛ: Owura, sɛ woafa no afi ha a, kyerɛ me faako a wode no akɔto, na menkɔfa no! Ver Capítulo |